Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 7:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Nyaatwomni! Yi mpuna no firi w’ani so kane, ɛno ansa na wobɛhunu adeɛ yie, ayi duaa no afiri wo nua ani soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Nyaatwomni! Yi mpuna no firi w’ani so kane, ɛno ansa na wobɛhunu adeɛ yie, ayi duaa no afiri wo nua ani soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nyaatwomni! Di kan yi mpuran a ɛda wʼankasa ani so no ansa na woatumi ahu ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so no yiye na woayi ama no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Nyaatwomni! Di ɛkan yi ɛboɔ a ɛda wʼani so no ansa na woatumi ahunu aboseaa a ɛda wo nua ani so ayi ama no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Nyaatwomni! Yi mpuran no fi w’ani so kan, ɛno ansa na wubehu ade yiye ayi dua no afi wo nua ani so.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 7:5
11 Referencias Cruzadas  

Na Yesu hunuu wɔn amumuyɛ no, ɔkaa sɛ: Mo nyaatwomfoɔ, adɛn na moresɔ me ahwɛ?


Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua ani soɔ, na wo ara w’ani so mpuna deɛ, wonhunu?


Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na wobɛka akyerɛ wo nua sɛ: Ma menyi duaa no mfiri w’ani so, wɔ berɛ ko a mpuna wɔ w’ani soɔ?


Mommfa deɛ ɛyɛ kronkron mmma nkraman, na monnto mo nhwene pa nngu mprako anim, na wɔamfa wɔn nan antiatia so, na wɔansane ammɛsunsuane mo.


Nyaatwomfoɔ! Monim asase ne ɔsoro ani nnoɔma asekyerɛ, na adɛn na monhunu berɛ yi asekyerɛ?


Na Awurade buaa no sɛ: Nyaatwomfoɔ! Mo mu biara nsane ne nantwie anaa n’afunumu mfiri n’adididaka ho mma no nkɔnom nsuo homeda?


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ampa ara, mode bɛ yi bɛbu me sɛ: Ɔsafo, sa wo ho yadeɛ! Nnoɔma a yɛate sɛ woyɛɛ no Kapernaum no, yɛ no w’agya kurom ha yi bi!


Ɛbɛyɛ dɛn na wobɛtumi aka akyerɛ wo nua sɛ: Onua, ma menyi duaa a ɛda w’ani soɔ no! Na wo ara w’ani so mpuna deɛ, wonhunu? Nyaatwomni, yi mpuna no firi w’ani so kane, ansa na woahunu adeɛ yie de ayi wo nua ani so duaa.


Na honhommɔne no buaa sɛ: Menim Yesu, na menim Paulo, na mone hwannom?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios