Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 6:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na sɛ w’ani nyɛ a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ kusuu. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, esum no mu bɛyɛ duru yie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Na sɛ w’ani nyɛ a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ kusuu. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, esum no mu bɛyɛ duru yie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Nanso sɛ wʼaniwa nye a, ɛma wo nipadua no nyinaa dan sum tumm. Enti sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, na wo nipadua no yɛ sum kabii.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Nanso sɛ wʼani nyɛ a, ɛma wo onipadua no nyinaa dane esum tumm. Enti, sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ esum deɛ a, na wo onipadua no yɛ esum kabii.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na sɛ w’ani nye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ kusuu. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, esum no mu bɛyɛ duru yiye.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 6:23
22 Referencias Cruzadas  

Wohunu onipa a ɔyɛ ɔno ara n’ani so nyansafoɔ a, anidasoɔ wɔ hɔ ma ɔkwasea sene no.


Wɔnni mmara ne adanseɛ no akyi! Sɛ wɔanka no sɛdeɛ asɛm yi teɛ a, ɛnneɛ adeɛ renkye wɔn.


Ɛfiri sɛ me man agyimi. Wɔnnim me, wɔyɛ mma nkwaseafoɔ, na wɔnni nhunumu. Wɔyɛ bɔne ho anyansafoɔ, na papayɛ deɛ, wɔnnim.


anaasɛ menni ho kwan sɛ mede me ara m’adeɛ meyɛ deɛ mepɛ anaa? Sɛ me yam yɛ nti na w’ani abere yi?


Nipadua kanea ne ani. Enti sɛ w’ani yɛ a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ hann.


ayerefasɛm, aniberebereɛ, amumuyɛ, nsisie, ahohwie, anibɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm.


Wo nipadua kanea ne w’ani. Enti sɛ w’ani yɛ a, wo nipadua nyinaa nso bɛyɛ hann; na sɛ ɛnyɛ a, wo nipadua nso bɛyɛ kusuu.


Na ɔse: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu Nyankopɔn ahennie mu ahuntasɛm no; na wɔn a aka deɛ, wɔde ama wɔn mmebuo mu, na wɔahunu, na wɔanhunu mu, na wɔate, nanso wɔante aseɛ.


Wɔse wɔyɛ anyansafoɔ no, wɔdanee nkwasea,


Na onipa a ɔnni honhom no nnye Nyankopɔn Honhom adeɛ, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ɔntumi nhunu mu, ɛfiri sɛ wɔbu mu atɛn honhom mu.


Wɔn na wɔn adwene mu aduru sum, na ɛsiane sɛ wɔnni nteaseɛ na wɔn akoma apirim nti, wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafoɔ.


Na akane no, na moyɛ sum, na afei deɛ, moyɛ hann, Awurade mu; monnante sɛ hann mma,


Na deɛ ɔtan ne nua no te sum mu na ɔnam sum mu, na ɔnnim deɛ ɔrekorɔ, ɛfiri sɛ esum no afira n’ani.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios