Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 6:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Na mmom monhyehyɛ agyapadeɛ ɔsoro, faako a nweweboaa ne nnaakyen nsɛe no, na awifoɔ mmubu nkɔwia;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

20 Na mmom monhyehyɛ agyapadeɛ ɔsoro, faako a nweweboaa ne nnaakyen nsɛe no, na awifoɔ mmubu nkɔwia;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Mmom monhyehyɛ mo agyapade wɔ ɔsoro, nea ntɛferɛw ntumi nwe, na entumi nnye nkannare nsɛe, na akorɔmfo ntumi nwia.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Mmom, monhyehyɛ mo agyapadeɛ wɔ ɔsoro, deɛ ntɛferɛ ntumi nwe, na ɛntumi nwe nnaakye nsɛeɛ, na akorɔmfoɔ ntumi nwia.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

20 Na mmom monhyehyɛ agyapade ɔsoro, faako a nwewee ne nkannare nsɛe no na awifo mmubu nkowia;

Ver Capítulo Copiar




Mateo 6:20
14 Referencias Cruzadas  

Na ɔbɛyɛ wo berɛ mu ɔmannwoeɛ, nkwagyeɛ, nyansa ne nimdeɛ mmorosoɔ bɛba; AWURADE suro ne n’ademudeɛ.


Yesu see no sɛ: Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro, na bra bɛdi m’akyi!


Monnhyehyɛ agyapadeɛ asase so, faako a nweweboaa ne nnaakyen sɛe no, na awifoɔ bubu kɔwia.


Na Yesu hwɛɛ no dinn, na ɔdɔɔ no, na ɔsee no sɛ: Aka wo adeɛ baako: Kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ nyinaa, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ ɔsoro; na bra bɛdi m’akyi.


Montɔn deɛ mowɔ mfa nyɛ adɔeɛ, monyɛ sika nkotokuo a ɛrenyɛ dada mfa, ɛne agyapadeɛ a ɛrensa da ɔsoro, deɛ owifoɔ mma ho, na nweweboaa nsɛe no.


Na Yesu tee saa no, ɔsee no sɛ: Ɛda so ka wo adeɛ baako, kɔtɔn deɛ wowɔ nyinaa, na kyɛ ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro, na bra bɛdi m’akyi!


Adefoɔ a wɔwɔ wiase, kasa kyerɛ wɔn sɛ wɔnnnwene akokurokosɛm, anaasɛ wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyadeɛ a ɛnni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Onyankopɔn a ɔma yɛn nnoɔma nyinaa ma no dɔɔso sɛ yɛnnie no so,


na wɔmfa nhyehyɛ fapem pa nto hɔ mma wɔn ho nsie daakye, na wɔasɔ nokorɛ nkwa no mu.


Na momaa nneduafoɔ amaneɛ kaa mo, mode anigyeɛ nso penee mo nnoɔma fom sɛ monim sɛ mowɔ ahodeɛ a ɛyɛ kyɛne soɔ ɔsoro a ɛtena hɔ.


Ɔbuu Kristo ahohora sɛ ahonya kɛseɛ senee Misraim ahonyadeɛ, ɛfiri sɛ ɔhwɛɛ akatua no.


Me nuanom adɔfo, montie! Onyankopɔn nyii wiase ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ gyidie mu ahonyafoɔ ne ahennie a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no adedifoɔ anaa?


ne apɛgyadeɛ a ɛmporɔ, na ɛho nni dɛm, na ɛmpa mu, a wɔde asie ɔsoro ama mo


Na odwanhwɛfoɔ panin no yi ne ho adi a, moanya animuonyam abotire a ɛrensɛe da no.


Menim w’ahohia ne wo hia no, nanso woyɛ ɔdefoɔ, ne wɔn a wɔse wɔyɛ Yudafoɔ, nanso wɔnyɛ, na mmom wɔyɛ Satan hyiadan no abususɛm.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios