Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 5:37 - New Revised Asante Twi Bible

37 Na momma mo aane nyɛ aane, na dabi nyɛ dabi! Na deɛ ɛboro yei soɔ no firi bɔne mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

37 Na momma mo aane nyɛ aane, na dabi nyɛ dabi! Na deɛ ɛboro yei soɔ no firi bɔne mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

37 Momma mo nsɛm nyɛ ‘Yiw’ anaa ‘Dabi.’ Asɛm biara a wobɛka a ɛnyɛ Yiw anaa dabi no fi ɔbonsam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

37 Momma mo nsɛm nyɛ ‘Aane’ anaa ‘Dabi.’ Asɛm biara a wobɛka a ɛnyɛ aane anaa dabi no firi ɔbonsam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

37 Na momma mo yiw nyɛ yiw, na mo dabi nyɛ dabi! Na nea ɛboro eyi so no fi bɔne mu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 5:37
17 Referencias Cruzadas  

Obiara a ɔte ahennie no ho asɛm, na ɔnte aseɛ no, ɔbɔnefoɔ no ba bɛhwim deɛ wɔagu no n’akoma mu no; oyi ne deɛ wɔguu no kwankyɛn no.


afuo no ne wiase; aba pa no ne ahennie no mma; wura no ne ɔbɔnefoɔ no mma;


Na akoma mu na adwemmɔne, awudisɛm, ayefasɛm, adwamansɛm, awifosɛm, adansekurumu ne abususɛm fire.


Nanso nka wo tiri ntam, ɛfiri sɛ worentumi nyɛ nwi baako fufuo anaa tuntum.


Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, Na yi yɛn firi bɔne mu. [Na wo na ahennie ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.]


Mensrɛ sɛ: Yi wɔn firi wiase, na mmom sɛ: Bɔ wɔn ho ban firi ɔbɔnefoɔ no ho.


Mo deɛ, mo agya a mofiri ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔdeɛ na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ, na ɔnnyina nokorɛ so; ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atorosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne mu na ɔka; ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.


Enti monyi atorɔ ntwene, na obiara nni ne yɔnko nokorɛ, ɛfiri sɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.


ne nyinaa akyiri no, monkura gyidie kyɛm a mode bɛtumi adum ɔbɔnefoɔ no bɛmma a ɛredɛre no nyinaa,


Monnnidi atorɔ nnkyerɛkyerɛ mo ho, ɛfiri sɛ moayi onipa dada no ne ne nneyɛɛ agu,


Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahunu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mobua obiara.


Ɔnokwafoɔ ne Awurade a ɔbɛhyɛ mo den na wahwɛ mo so ɔbɔnefoɔ no ho no.


Na me nuanom, yeinom nyinaa akyiri no, monnka ntam! Monnka ɔsoro anaa asase anaa ntam biara. Na momma mo aane nyɛ aane, na mo dabi nyɛ dabi, na moanhwe atemmuo mu.


Agyanom, meretwerɛ mabrɛ mo ɛfiri sɛ monim deɛ ɔwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no. Mmeranteɛ, meretwerɛ mabrɛ mo sɛ, moadi ɔbɔnefoɔ no so nkonim. Mmɔfra nkumaa, matwerɛ mabrɛ mo sɛ, monim Agya no.


ɛnyɛ sɛ Kain a ɔfiri bɔne mu na ɔkumm ne nua no. Na adɛn nti na ɔkumm no? Ɛfiri sɛ ɔno ara ne nnwuma yɛ bɔne, na ne nua deɛ no deɛ, ɛtene.


Yɛnim sɛ obiara a Onyankopɔn awo no no, ɔnyɛ bɔne, na mmom deɛ Onyankopɔn awo no no, ɔhwɛ ne ho so, na ɔbɔnefoɔ no nka no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios