Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 5:28 - New Revised Asante Twi Bible

28 Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no n’akomam dada.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

28 Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no n’akomam dada.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

28 Na me de, nea mereka ne sɛ: Obiara a ohu ɔbea na ne kɔn dɔ no ne koma mu no, abɔ aguaman.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

28 Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: Obiara a ɔhunu ɔbaa na ne kɔn dɔ no nʼakoma mu no, abɔ adwaman.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

28 Na me de, mise mo sɛ, obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 5:28
20 Referencias Cruzadas  

Na asase no so otitire Hewini Hamor ba Sekem hunuu no, na ɔkyeree no too no mmɔnaa guu ne ho fi.


Na da bi anwummerɛ a Dawid sɔre firii ne mpa soɔ na ɔnenam ɔhene dan atifi no, ɔfiri ɛdan no atifi hɔ hunuu ɔbaa bi sɛ ɔredwareɛ, na na ɔbaa no ho yɛ fɛ sɛ.


Apam na me ne m’ani apam, na adɛn na memfa m’ani menkari ɔbaabunu?


Sɛ wɔdaadaa m’akoma ɔbaa bi ho, na metɛɛ me yɔnko pono ano a,


Mahunu pɛyɛ nyinaa awieeɛ, wo mmara nsɛm trɛ pii.


Mma w’ani mmmere wo yɔnko fie. Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere anaa n’akoa anaa n’afenaa anaa ne nantwie anaa n’afunumu anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.


Mma w’ani mmmere n’ahoɔfɛ w’akomam, na mma no mmfa n’anisuatɛtɛ nnkye wo.


Ɛnna ɔde n’ani hwɛeɛ no, n’ani beree wɔn, na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ wɔn nkyɛn Kaldea.


Na wo ne wo yɔnko yere nnna, na mfa wo ho nsuo mma no mfa ngu wo ne no ho fi.


Na akoma mu na adwemmɔne, awudisɛm, ayefasɛm, adwamansɛm, awifosɛm, adansekurumu ne abususɛm fire.


Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ne bo fu ne nua no bɛdi atemmuo mu fɔ; na obiara a ɔbɛse ne nua sɛ: Raka no bɛdi fɔ mpanimfoɔ atitire no asɛnniiɛ. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea! no bɛdi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom.


Na me deɛ, mese mo sɛ, mo ne ɔbɔnefoɔ no nnni asie, na deɛ ɔbɛpae w’aso nifa mu no, dane baako no nso ma no.


Na yɛnim sɛ mmara no yɛ honhom mu adeɛ, na me deɛ, meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me ahyɛ bɔne aseɛ.


Sɛ wohunu ɔbarima bi sɛ ɔne ɔbaa a ɔyɛ obi yere da a, ɛnneɛ wɔn baanu no nwu, ɔbarima a ɔne ɔbaa no daeɛ no ne ɔbaa no; na yi bɔne no firi Israel.


wɔwɔ ani a awaresɛeɛ ahyɛ no mama, a ɛrennwo wɔ bɔne ho da, wɔdaadaa akra a wɔn ase nnya ntimiiɛ, wɔwɔ akoma a aben anibereɛ mu, wɔyɛ nnomee mma,


Na deɛ ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetena mu ahohoahoa, ɛmfiri Agya no, na mmom ɛfiri wiase.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios