Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 5:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Na mese mo sɛ, sɛ mo tenenee ammoro Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no deɛ so a, morennya ɔsoro ahennie mu nhyɛne.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

20 Na mese mo sɛ, sɛ mo tenenee ammoro Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no deɛ so a, morennya ɔsoro ahennie mu nhyɛne.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Enti merebɔ mo kɔkɔ sɛ, sɛ mopɛ sɛ mokɔ ɔsoro ahenni mu de a, gye sɛ moyɛ Onyankopɔn apɛde sen nea Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no ne Farisifo no yɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Enti, merebɔ mo kɔkɔ sɛ, sɛ mopɛ sɛ mokɔ ɔsoro ahennie mu deɛ a, gye sɛ moyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ sene deɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ne Farisifoɔ no yɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

20 Na mise mo sɛ, sɛ mo trenee ammoro Kyerɛwfo ne Farisifo no de so a, morennya ɔsoro ahenni no mu nhyɛn.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 5:20
24 Referencias Cruzadas  

Ɛnna wɔhunuu sɛ wanka sɛ wɔnhwɛ wɔn ho yie paanoo mmɔreka ho, na mmom Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no nkyerɛkyerɛ ho.


Na obiara a ɔbɛgye abɔfra a ɔte sɛɛ baako me din mu no, wagye me;


Nanso wɔde akuma no ato nnua no nhini ho dada; enti dua biara a ɛnso aba pa no, wɔbɛtwa ato ogya mu.


Ɛnyɛ obiara a ɔse me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu, na mmom gye deɛ ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no.


Nokorɛ mese mo sɛ: Obiara a ɔrennye Nyankopɔn ahennie sɛ abɔfra no, ɔrenkɔ mu koraa.


Ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛfa paneɛ aniwa mu sene sɛ ɔdefoɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu.


Monnue sɛ mote sɛ nnamena a ɛnna adie, na nnipa a wɔnam soɔ no nhunu.


Berɛ no mu ara a nkurɔfokuo mpempem aboaboa wɔn ano na mpo wɔtiatia wɔn ho soɔ no, ɔfitii aseɛ ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no kane sɛ: Monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ mmɔka a ɛne nyaatwom no ho!


Nokorɛ mese mo sɛ, obiara a ɔrennye Nyankopɔn ahennie sɛ abɔfra no, ɔrenkɔ mu koraa.


Na sɛ afobuo som no yɛ animuonyam a, ɛnneɛ na tenenee som no mmom boro so pii animuonyam mu.


Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ; nnoɔma dada no atwa mu; hwɛ, nnoɔma nyinaa ayɛ foforɔ.


na wɔahunu me ne mu sɛ menni me ara me tenenee a ɛfiri mmara mu, na mmom deɛ ɛnam Kristo ho gyidie so ba, tenenee a ɛfiri Nyankopɔn mu, a ɛnam gyidie so.


Monni mo ne nnipa nyinaa ntam asomdwoeɛ ne ahoteɛ a obi kwati a, ɔrenhunu Awurade no akyiri.


Na ade-hunu biara ne deɛ ɔyɛ akyiwadeɛ na ɔdi atorɔ renhyɛne mu koraa, gye wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Adwammaa no nkwa nwoma no mu no nko.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios