Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 28:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ sɛ wanyane afiri awufoɔ mu. Na hwɛ, ɔredi mo anim kan akɔ Galilea; ɛhɔ na mobɛhu no; hwɛ, maka akyerɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ sɛ wanyane afiri awufoɔ mu. Na hwɛ, ɔredi mo anim kan akɔ Galilea; ɛhɔ na mobɛhu no; hwɛ, maka akyerɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Afei monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ nʼasuafo no se, ‘Wasɔre afi awufo mu, na ɔredi mo anim kan akɔ Galilea akohyia mo wɔ hɔ.’ Eyi ne nkra a mewɔ de ma mo.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ nʼasuafoɔ no sɛ, ‘Wasɔre afiri awufoɔ mu, na ɔredi mo anim ɛkan akɔ Galilea akɔhyia mo wɔ hɔ.’ Yei ne nkra a mewɔ de ma mo.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafo sɛ wanyan afi awufo mu. Na hwɛ, odi mo anim akɔ Galilea; ɛhɔ na mubehu no; hwɛ, maka makyerɛ mo.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 28:7
20 Referencias Cruzadas  

Mommma mo akoma nntu, na monnsuro! Ɛno ɛmfiri tete nteredee na memaa moteeɛ na mekaeɛ? Na mone m’adansefoɔ. Onyankopɔn bi wɔ hɔ sɛ me nko? Na ɔbotan biara nni hɔ; mennim obiara.


Monkasa, monka mo asɛm; momma wɔmmom ntu agyina. Hwan na ɔmaa wɔtee yei firi teteete na ɔka firi tete nteredee? Ɛnyɛ me, AWURADE a? Na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko ara, Onyankopɔn a ɔtene na ɔgye nkwa; obi nni baabiara gye me nko.


Hwɛ, maka makyerɛ mo dada.


Na me sɔreɛ akyiri no, mɛdi mo anim makɔ Galilea.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Monnsuro; monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wɔbɛhu me.


Na wɔfirii ɛda no ho ntɛm ara de ehu ne anigyeɛ kɛseɛ tutuu mmirika sɛ wɔrekɔka akyerɛ n’asuafoɔ no.


Na me wusɔreɛ akyiri no, mɛdi mo anim makɔ Galilea.


Na ɔkɔ kɔsee wɔn a wɔne no tenaeɛ a na wɔn werɛ ahoɔ na wɔresu no.


Na wɔn nso ba bɛka kyerɛɛ nkaeɛ no; na wɔannye wɔn nso anni.


reka sɛ: Awurade anyane ampa, na wayi ne ho akyerɛ Simon.


Afei maka makyerɛ mo ansa na aba, na sɛ ɛnya ba a, moagye adi.


Na maka yeinom makyerɛ mo, na sɛ ɛberɛ no duru a, moakae sɛ maka makyerɛ mo. Na manka mo yeinom mamfiri mfitiaseɛ, ɛfiri sɛ me ne mo na na ɛwɔ hɔ.


Na wɔsiee no, na ne nnansa soɔ no wɔnyanee no, sɛdeɛ twerɛ nsɛm no ka no.


Ɛno akyiri no, ɔmaa anuanom bɛboro ahanum hunuu no prɛko; wɔn mu pii da so te ase, na ebinom adeda.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios