Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 27:64 - New Revised Asante Twi Bible

64 Enti ma wɔnkɔwɛn ɛda no yie nkɔduru da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na asuafoɔ no ammɛwia no, na wɔanka ankyerɛ ɔman no sɛ: Wanyane afiri awufoɔ mu; na anka akyire yi nnaadaa bɛkyɛne kane deɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

64 Enti ma wɔnkɔwɛn ɛda no yie nkɔduru da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na asuafoɔ no ammɛwia no, na wɔanka ankyerɛ ɔman no sɛ: Wanyane afiri awufoɔ mu; na anka akyire yi nnaadaa bɛkyɛne kane deɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

64 Eyi nti ma yɛn kwan na yɛnkɔwɛn da no ano nkosi nnansa, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼasuafo no ntwa wɔn ho nkowia amu no mmɔ no dawuru se wasɔre afi awufo mu. Na sɛ ɛkɔba saa de a anka akyiri no nnaadaa bɛsen kan de no.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

64 Yei enti, ma yɛn ɛkwan na yɛnkɔtare ɔboda no ano nkɔsi nnansa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼasuafoɔ no ntwa wɔn ho nkɔwia amu no mmɔ no dawuro sɛ wasɔre afiri awufoɔ mu. Na sɛ ɛkɔba saa deɛ a, anka akyire no nnaadaa bɛsene kane deɛ no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

64 Enti ma wɔnkɔwɛn ɔda no yiye nkodu da a ɛto so abiɛsa no, na asuafo no ammewia no, na wɔanka ankyerɛ ɔman no sɛ: Wanyan afi awufo mu, na anka akyiri yi nnaadaa bɛsen kan de no.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 27:64
5 Referencias Cruzadas  

Ɛnna ɔkɔ na ɔkɔfa ahonhom nson foforɔ a wɔyɛ bɔne sene no ka ne ho, na wɔbɛhyɛne mu tena hɔ; na onipa no akyire yi asetena yɛ bɔne sene kane deɛ no. Saa ara nso na ɛbɛyɛ nnɛ mma abɔnefoɔ yi.


sɛ: Owura, yɛkae sɛ ɔdaadaafoɔ no te aseɛ no, ɔkaa sɛ: Nnansa akyiri mɛnyane.


Pilato see wɔn sɛ: Monnye awɛmfoɔ nkɔ nkɔwɛn sɛdeɛ mobɛtumi.


kaa sɛ: Monka sɛ: Anadwo a yɛdaeɛ no, na n’asuafoɔ ba bɛwiaa no.


Na yɛn afotusɛm no mfiri nnaadaa anaa adwemmɔne mu, nanso ɛnnam nsisie mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios