Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 27:50 - New Revised Asante Twi Bible

50 Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu bio no, ɔgyae ne honhom mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

50 Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu bio no, ɔgyae ne honhom mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

50 Na Yesu teɛɛ mu dennen bio no, ogyaa ne honhom mu wui.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

50 Afei, Yesu teaam denden bio gyaee ne honhom mu wuiɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

50 Na Yesu de nne kɛse teɛɛm bio no, ogyaa ne honhom mu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 27:50
14 Referencias Cruzadas  

Saa berɛ no akyiri no, wɔbɛtwa deɛ wɔasra no no atwene a ɛrenka no hwee; na ɔberempɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kuro ne kronkronbea no, na n’awieeɛ bɛyɛ nyirisramsoɔ mu, na akodie bɛduru awieeɛ, amamfoyɛ a wɔahyɛ pintinn no.


sɛdeɛ Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyedeɛ maa nnipa pii ne no.


Na wɔn a aka no kaa sɛ: Gyae, na yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛgye no anaa?


Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu no, ɔwui.


Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ! Na ɔkaa saa no, ɔgyaa mu.


Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Odwanhwɛfoɔ pa de ne nkwa to hɔ ma nnwan no;


sɛdeɛ Agya no nim me, na me nso menim Agya no. Na mede me nkwa meto hɔ mema nnwan no.


Nso na nsa kekakeka adeɛ bi ma si hɔ, na wɔde nsa no bi hyɛɛ sapɔ ma, na wɔde tuaa sommɛ ano de kaa n’ano.


Ɛnna Yesu gyee nsa kekakeka no, ɔkaa sɛ: Mawie! Na ɔbɔɔ ne tiri ase na ɔgyae ne honhom mu.


Enti sɛ mma no anya honam ne mogya korɔ no bie no, saa ara na ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam owuo so bɛtu deɛ ɔwɔ owuo tumi a ɔne ɔbonsam no,


Ɔno a ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotosrɛ brɛɛ deɛ ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu wɔ nteamu a emu yɛ den ne nisuo mu, na ahobrɛaseɛ suro nti wɔtiee no.


mprɛ ahe ara na Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ, a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rente mo ahonim ho mfiri nnwuma funu mu nkɔsom Onyankopɔn a ɔte aseɛ?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios