Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 27:46 - New Revised Asante Twi Bible

46 Na ɛbɛyɛ sɛ nnɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Eli, Eli, lama sabaktani? Ɛne sɛ: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagya me?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

46 Na ɛbɛyɛ sɛ nnɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Eli, Eli, lama sabaktani? Ɛne sɛ: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagya me?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

46 Ɛbɛyɛ nnɔnabiɛsa bere mu no, Yesu teɛɛ mu dennen se, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase kyerɛ sɛ, “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

46 Ɛbɛyɛ nnɔnmiɛnsa berɛ mu no, Yesu teaam denden sɛ, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Aseɛ kyerɛ sɛ, “Me Onyankopɔn, me Onyankopɔn, adɛn enti na woagya me?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

46 Na ɛbɛyɛ sɛ nnɔnabiɛsa no, Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: Eli, Eli, lama sabaktani? Ɛne sɛ: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woagyaw me?

Ver Capítulo Copiar




Mateo 27:46
9 Referencias Cruzadas  

Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, deɛn nti na woagya me? Me su a mesu mefrɛ woɔ ne me nkwagyeɛ ntam ware.


ka sɛ: Onyankopɔn apa no; monti no nkye no, na obi nni hɔ a ɔbɛgye no.


Na ɛyɛɛ AWURADE pɛ sɛ ɔdwerɛ no; na ɔbɔɔ no yadeɛ. Sɛ ɔnya de ne kra to hɔ yɛ asodie afɔdeɛ a, ɔbɛhunu asefoɔ, ne nna bɛware, na deɛ ɛyɛ AWURADE pɛ bɛyɛ yie wɔ ne nsam.


Ɛmfa mo a mofa ɔkwan so twam nyinaa ho bi? Monhwɛ na monhunu sɛ ɔyea bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me yea, a aka me yi, a AWURADE de aho me werɛ n’abufuhyeɛ da no!


Na wɔn a wɔgyina hɔ no mu bi teeɛ no, wɔkaa sɛ: Ɔrefrɛ Elia.


Na ɛbɔɔ awia nɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Eloi, Eloi, lama sabaktani? A nkyerɛaseɛ ne: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woapa me yi?


Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ! Na ɔkaa saa no, ɔgyaa mu.


Ɔno a ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotosrɛ brɛɛ deɛ ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu wɔ nteamu a emu yɛ den ne nisuo mu, na ahobrɛaseɛ suro nti wɔtiee no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios