Mateo 27:24 - New Revised Asante Twi Bible24 Na Pilato hunuu sɛ ɔntumi nyɛ ho hwee na mmom sakasaka reba no, ɔfaa nsuo hohoroo ne nsa nkurɔfokuo no anim kaa sɛ: Medi bem wɔ onipa tenenee yi mogya ho; mo ara monhwɛ. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron24 Na Pilato hunuu sɛ ɔntumi nyɛ ho hwee na mmom sakasaka reba no, ɔfaa nsuo hohoroo ne nsa nkurɔfokuo no anim kaa sɛ: Medi bem wɔ onipa tenenee yi mogya ho; mo ara monhwɛ. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm24 Pilato huu sɛ ɔyɛ asɛm no ho hwee a ɛnyɛ ye na basabasayɛ reba no, ɔma wɔsaw nsu guu ade mu brɛɛ no ma ɔhohoroo ne nsa wɔ dɔm no anim kae se, “Minni saa onipa trenee yi mogya ho fɔ. Nea ɛbɛba biara no yɛ mo asɛm!” Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm24 Afei, Pilato hunuu sɛ ɔyɛ asɛm no ho hwee a ɛnyɛ yie na basabasayɛ reba no, ɔmaa wɔsaa nsuo guu adeɛ mu brɛɛ no, ma ɔhohoroo ne nsa wɔ ɛdɔm no anim kaa sɛ, “Menni saa onipa tenenee yi mogya ho fɔ. Deɛ ɛbɛba biara no yɛ mo asɛm!” Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON24 Na Pilato hui sɛ ontumi nyɛ ho hwee, na mmom sakasaka reba no, ɔfaa nsu hohoroo ne nsa nkurɔfokuw no anim kae sɛ: Medi bem wɔ onipa trenee yi mogya ho; mo ara monhwɛ! Ver Capítulo |