Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 27:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Enti wɔhyiaeɛ no, Pilato see wɔn sɛ: Hwan na mopɛ sɛ megyaa no mema mo? Baraba anaa Yesu a wɔfrɛ no Kristo no?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 Enti wɔhyiaeɛ no, Pilato see wɔn sɛ: Hwan na mopɛ sɛ megyaa no mema mo? Baraba anaa Yesu a wɔfrɛ no Kristo no?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Anɔpa no a nnipadɔm no hyiaa wɔ Pilato ahemfi anim hɔ no, Pilato bisaa wɔn se, “Hena na mopɛ sɛ migyaa no ma mo, Baraba anaa Yesu, mo Agyenkwa no?”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Anɔpa no a nnipadɔm no hyiaa wɔ Pilato ahemfie anim hɔ no, Pilato bisaa wɔn sɛ, “Hwan na mopɛ sɛ megyaa no ma mo, Baraba anaa Yesu, mo Agyenkwa no?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 Enti wohyiae no, Pilato see wɔn sɛ: Hena na mopɛ sɛ migyaa no mema mo? Baraba anaa Yesu a wɔfrɛ no Kristo no?

Ver Capítulo Copiar




Mateo 27:17
9 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Elia twe pinii ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɛnkɔsi da bɛn na mo adwene bɛyɛ mo ntanta? Sɛ AWURADE ne Onyankopɔn a, monni n’akyi: Sɛ Baal nso a, monni n’akyi! Na ɔman no ammua no asɛm biara.


na Yakob woo Yosef a na ɔyɛ Maria a ɔwoo Yesu a wɔfrɛ no Kristo no ne kunu.


Nso ɛberɛ no mu na ɔwɔ ɔdeduani bi a wagye din a wɔfrɛ no Baraba.


Na ɔnim sɛ nitan nti na wɔyii no maeɛ.


Na wɔteaa mu sɛ: Fa no kɔ! Fa no kɔ! Bɔ no asɛnnua mu! Pilato see wɔn sɛ: Memmɔ mo hene asɛnnua mu anaa? Asɔfoɔ mpanimfoɔ no buaa sɛ: Yɛnni ɔhene bi sɛ Kaesare.


Ɔbaa no see no sɛ: Menim sɛ Mesaia (a wɔfrɛ no Kristo) no reba; na sɛ ɔba a, ɔno na ɔbɛkyerɛ yɛn nnoɔma nyinaa.


Na sɛ ɛnyɛ wɔ mo ani so sɛ mobɛsom AWURADE a, ɛnneɛ ɛnnɛ monyi deɛ mobɛsom no mfa, sɛ anyame a mo agyanom someeɛ a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifoɔ a mote wɔn asase soɔ yi anyame oo, na me ne me fie deɛ, yɛbɛsom AWURADE.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios