Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 27:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na Yesu bɛgyinaa amrado no anim. Na amrado no bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa? Na Yesu kaa sɛ: Wo na woaka.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na Yesu bɛgyinaa amrado no anim. Na amrado no bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa? Na Yesu kaa sɛ: Wo na woaka.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Afei wɔde Yesu begyinaa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim. Obisaa Yesu se, “Wone Yudafo Hene no ana?” Yesu buae se, “Wo na woaka.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Afei, wɔde Yesu bɛgyinaa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim. Ɔbisaa Yesu sɛ, “Wone Yudafoɔ Ɔhene no anaa?” Yesu buaa sɛ, “Wo na woaka.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na Yesu begyinaa amrado no anim. Na amrado no bisaa no sɛ: Wone Yudafo hene no anaa? Na Yesu kae sɛ: Wo na woaka.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 27:11
11 Referencias Cruzadas  

Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofoɔ ne ahemfo anim na adi adanseɛ akyerɛ wɔn ne amanaman.


Ɛdɔɔso ma osuani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ ne akoa sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne wura; na sɛ wɔafrɛ efie wura no Beelsebul a, mprɛ ahe na wɔremfa mfrɛ ne fiefoɔ?


bisaa sɛ: Ɛhe na Yudafoɔ hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahunu ne nsoromma wɔ Apueeɛ, na yɛreba abɛkoto no.


Ɛnna Yuda a ɔyii no maeɛ no bisaa no sɛ: Rabi, ɛyɛ me anaa? Ɔbuaa no sɛ: Woaka.


Yesu see no sɛ: Woaka; nanso mese mo sɛ, ɛfiri nnɛ mobɛhunu Onipa ba no sɛ ɔte tumi no nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum soɔ.


Na Yesu kaa sɛ: Mene no, na mobɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔte tumi nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum mu.


Na wɔn nyinaa kaa sɛ: Ɛnneɛ na wone Nyankopɔn ba no anaa? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moaka, na mene no.


Metu wo fo Onyankopɔn a ɔma nnoɔma nyinaa nkwa ne Kristo Yesu a ɔpaee mu kaa no yie, dii ho adanseɛ Pontio Pilato anim no


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios