Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 26:46 - New Revised Asante Twi Bible

46 Monsɔre mma yɛnkɔ! Hwɛ, deɛ ɔreyi me ama no abɛn!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

46 Monsɔre mma yɛnkɔ! Hwɛ, deɛ ɔreyi me ama no abɛn!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

46 Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ! Nea ɔreyi me ama no na ɔreba no!”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

46 Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ! Deɛ ɔreyi me ama no na ɔreba no!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

46 Monsɔre mma yɛnkɔ! Hwɛ, nea ɔreyi me ama no abɛn.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 26:46
11 Referencias Cruzadas  

Ɛnna ɔbaa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Afei deɛ, monna na monhome! Hwɛ, dɔn no aduru a wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa.


Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, Yuda a ɔyɛ dummienu no mu baako bae, na nkurɔfokuo bebree a wɔkurakura nkrantɛ ne mmaa firi asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ nkyɛn ka ne ho.


Monsɔre mma yɛnkɔ; hwɛ deɛ ɔreyi me ama no abɛn!


Asubɔ bi wɔ hɔ a wɔde bɛbɔ me, na me ho yera me kɔsi sɛ wɔbɛwie bɔ!


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Pɛ na mepɛɛ sɛ me ne mo di Twam yi ansa na mahunu amane.


Nso hwɛ, deɛ ɔreyi me ama no ne me te pono ho didi.


Na ɛbaa sɛ nna a wɔrebɛfa no akɔ ɔsoro reyɛ awie duru no, ɔde sii n’anim sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem.


Nanso meyɛ sɛdeɛ Agya no hyɛɛ me no, na wiase ahunu sɛ medɔ Agya no. Monsɔre mma yɛmfiri ha nkɔ!


Ɛnna Petro danee n’ani no, ɔhunuu osuani a Yesu dɔ no no sɛ ɔdi wɔn akyire, ɔno na ɔtweree ne kokom adidie no ase a ɔkaa sɛ: Awurade, hwan ne deɛ ɔbɛyi wo ama no?


Na Paulo buaa sɛ: Adɛn na moresu bubu m’akoma yi? Me deɛ, masiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti, ɛnyɛ ɛkyerɛ nko na wɔbɛkye me, na mpo mɛwu wɔ Yerusalem hɔ.


Na ɛbaa sɛ, Filistini no sɔree sɛ ɔreba abɛhyia Dawid no, Dawid yɛɛ ntɛm tuu mmirika kɔɔ mpasua no so kɔhyiaa Filistini no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios