Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 26:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Ɛnna Yuda a ɔyii no maeɛ no bisaa no sɛ: Rabi, ɛyɛ me anaa? Ɔbuaa no sɛ: Woaka.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Ɛnna Yuda a ɔyii no maeɛ no bisaa no sɛ: Rabi, ɛyɛ me anaa? Ɔbuaa no sɛ: Woaka.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Yuda a obeyi no ama nso bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɛyɛ me ana?” Yesu buaa no se, “Woaka.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Yuda nso bisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛyɛ me anaa?” Yesu buaa no sɛ, “Aane.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Ɛnna Yuda a oyii no mae no bisaa no sɛ: Rabi, ɛyɛ me anaa? Obuaa no sɛ: Woaka.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 26:25
11 Referencias Cruzadas  

Na ɔno deɛ, ɔba bɛgyinaa ne wura anim. Na Elisa bisaa no sɛ: Gehasi, ɛhe na wofiri reba? Na ɔse: W’akoa nkɔɔ baabiara!


Sɛ ɔbaa awaresɛeni kwan teɛ nie: Ɔdidi pepa n’ano, na ɔse: Memmɔɔ mmusuo biara.


ne edwam nkyea, ne sɛ nnipa bɛfrɛ wɔn: Rabi!


Na mo deɛ, wɔmmfrɛ mo Rabi; na ɔbaako ne mo kyerɛkyerɛfoɔ, na mo nyinaa yɛ anuanom.


Ɛnna dummienu no mu baako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn


Na ntɛm ara ɔbaa Yesu nkyɛn sɛ: Rabi, mo! Na ɔfee n’ano.


Yesu see no sɛ: Woaka; nanso mese mo sɛ, ɛfiri nnɛ mobɛhunu Onipa ba no sɛ ɔte tumi no nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum soɔ.


Na Yesu bɛgyinaa amrado no anim. Na amrado no bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa? Na Yesu kaa sɛ: Wo na woaka.


Na wɔn nyinaa kaa sɛ: Ɛnneɛ na wone Nyankopɔn ba no anaa? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moaka, na mene no.


Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene ne no? Yesu buaa sɛ: Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me deɛ, yei nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebɛdi nokorɛ no ho adanseɛ; obiara a ɔfiri nokorɛ no mu no tie me nne.


Saa berɛ no mu no n’asuafoɔ no see no sɛ: Rabi, didi!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios