Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 25:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na dasuo mu no, wɔtee nteamu sɛ: Hwɛ, ayeforɔkunu no ni oo! Momfiri adi nkɔhyia no!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na dasuo mu no, wɔtee nteamu sɛ: Hwɛ, ayeforɔkunu no ni oo! Momfiri adi nkɔhyia no!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 “Ɔdasu mu na wɔtee nteɛteɛmu se, ‘Ayeforokunu no reba! Mumfi adi nkohyia no!’

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 “Ɔdasuom na wɔtee nteateamu sɛ, ‘Ayeforɔkunu no reba! Momfiri adi nkɔhyia no!’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɔdasu mu no, wɔtee nteɛm sɛ: Hwɛ, ayeforokunu ni oo! Mumfi nkohyia no!

Ver Capítulo Copiar




Mateo 25:6
24 Referencias Cruzadas  

wɔ AWURADE anim, na ɔreba, na ɔreba abɛbu asase atɛn. Ɔrebɛbu wiase atɛn tenenee mu, ne aman wɔ ne nokorɛ mu.


AWURADE anim, na ɔreba abɛbu asase atɛn. Ɔbɛbu wiase atɛn, tenenee mu, ne aman wɔ atɛntenenee mu.


Ɛda no na wɔbɛka sɛ: Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani ada ne so sɛ ɔbɛgye yɛn no nie; AWURADE a yɛn ani daa ne soɔ no nie. Momma yɛnni ahurisie, na yɛn ani nnye ne nkwagyeɛ no mu.


Enti sei na mɛyɛ woɔ, O Israel; ɛsiane sɛ mɛyɛ wo seyie nti, siesie wo ho kɔhyia wo Nyankopɔn.


Na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ ama wɔde totorobɛnto a ne nne so aba; na wɔaboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afiri wiase mframa nnan no mu afiri ɔsoro ano akɔpem ano.


Yei nti monsiesie mo ho nsie, ɛfiri sɛ dɔn a monnwene ho no mu na Onipa Ba no reba.


Ɛnna wɔde ɔsoro ahennie no bɛto mmabaawa du bi a wɔtasee wɔn nkanea firi adi sɛ wɔrekɔhyia ayeforɔkunu no ho.


Na Onipa Ba no bɛba n’animuonyam mu a n’abɔfoɔ nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtena n’animuonyam ahennwa so.


Na ayeforɔkunu no kyɛreeɛ no, wɔn nyinaa ani kumee na wɔdedaeɛ.


Ɛnna mmabaawa no nyinaa sɔre kekaa wɔn nkanea.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkwasea, anadwo yi wɔbɛgye wo kra afiri wo nsam; na nnoɔma a wɔasiesie no bɛyɛ hwan dea?


akoa no wura bɛba da a ɔnhwɛ no kwan ne dɔn a ɔnnim mu, na wabɛtwa ne mu mmienu, na wama ɔno ne akyinnyegyefoɔ anya kyɛfa korɔ.


ɛfiri sɛ Awurade no ara de osebɔ, ɔbɔfoɔ panin nne Nyankopɔn totorobɛnto firi soro bɛsiane, na Kristo mu awufoɔ bɛsɔre kane,


Na Awurade da no bɛba sɛdeɛ owifoɔ ba. Emu na ɔsoro de kukurududu bɛtwam akorɔ, na ewie mu mfitiasedeɛ bɛhye asɛe, na asase ne mu nnwuma bɛhye.


(Hwɛ, mereba sɛ owifoɔ. Nhyira ne deɛ ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntadeɛ soɔ, na wannante adagya mu, na wɔanhunu ne kwaterekwa.)


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios