Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 25:44 - New Revised Asante Twi Bible

44 Ɛnna wɔn nso bɛbua sɛ: Awurade, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɛkɔm de woɔ anaasɛ sukɔm de woɔ, anaasɛ woyɛ ɔhɔhoɔ, anaasɛ woda adagya, anaasɛ woyare, anaasɛ woda afiase, na yɛammɛsom woɔ?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

44 Ɛnna wɔn nso bɛbua sɛ: Awurade, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɛkɔm de woɔ anaasɛ sukɔm de woɔ, anaasɛ woyɛ ɔhɔhoɔ, anaasɛ woda adagya, anaasɛ woyare, anaasɛ woda afiase, na yɛammɛsom woɔ?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 “Wɔn nso bebua no se, ‘Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, anaasɛ osukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔho, anaasɛ wodaa adagyaw, anaasɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛammoa wo?’

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 “Wɔn nso bɛbua no sɛ, ‘Awurade, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɛkɔm dee wo, anaasɛ sukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔhoɔ, anaasɛ wodaa adagya, anaasɛ woyareeɛ, anaasɛ wodaa afiase, na yɛanyɛ deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ amma wo?’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

44 Ɛnna wɔn nso bebua sɛ: Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, anaasɛ osukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔho, anaa wodaa adagyaw, anaasɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛammɛsom wo?

Ver Capítulo Copiar




Mateo 25:44
14 Referencias Cruzadas  

Ɛyɛ dɛn na woka sɛ: Me ho nguu fi, Baalim akyiri nso mennii? Hwɛ wo kwan bonhwa no mu, hunu deɛ woayɛ. Yomabereɛ a wagyigya, a ɔkontonkonton ne kwan,


woka sɛ: Medi bem. Ampa ara, n’abufuo adane afiri me so. Hwɛ, me ne wo bɛdi, sɛ woka sɛ: Menyɛɛ bɔne, no nti.


Ɔba di n’agya ni, na akoa di ne wura ni. Na sɛ agya ne me a, m’anidie wɔ he? Na sɛ owura ne me a, me suro wɔ he? Asafo AWURADE na ɔreka akyerɛ mo, asɔfoɔ a mobu me din animtia. Na mobisa sɛ: Ɛdeɛn mu na yɛbu wo din animtia?


Mode mo nsɛm hyɛ AWURADE brɛ. Nanso moka sɛ: Ɛdeɛn na yɛde hyɛ no brɛ? Sɛ mobisa sɛ: Obiara a ɔyɛ bɔne no, ɔyɛ wɔ AWURADE anim, na wɔn ho yɛ no anisɔ; anaasɛ: Atemmuo Nyankopɔn no wɔ he?


Mo nsɛm yɛ me so den, AWURADE na ɔseɛ. Na mobisa sɛ: Ɛdeɛn na yɛka tia woɔ?


Deɛ ɔgye odiyifoɔ wɔ odiyifoɔ din mu no, ne nsa bɛka odiyifoɔ akatua; na deɛ ɔgye onipa tenenee wɔ onipa tenenee din mu no, ne nsa bɛka onipa tenenee akatua.


meyɛɛ ɔhɔhoɔ, na moamfa me ankɔ mo fie, medaa adagya, na moamfira me ntoma; meyaree na medaa afiase, na moammɛhwɛ me.


Ɛnna ɔbɛbua wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, sɛ moanyɛ amma nketewa yi mu baako yi, moanyɛ amma me.


Nhyira ne wɔn a tenenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔn na wɔbɛma wɔameeɛ.


Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ tumideɛ pii anaa?


Na ɔno deɛ, ɔpɛɛ sɛ ɔbu ne ho bem, nti ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: Na hwan ne me yɔnko?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios