Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 25:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nnoɔma pii so; kɔ wo wura anigyeɛ mu!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nnoɔma pii so; kɔ wo wura anigyeɛ mu!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 “Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa ne ɔnokwafo, woadi kakra yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so panyin. Bra, na me ne wo nni dɛw!’

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 “Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nneɛma pii so panin. Bra, na me ne wo nni dɛ!’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafo, woadi kakraa yi ho nokware, mede wo besi ade pii so; kɔ wo wura anigye mu!

Ver Capítulo Copiar




Mateo 25:21
30 Referencias Cruzadas  

Ɔhene ani sɔ akoa nimdefoɔ, na ne bo fu deɛ ɔyɛ aniwudeɛ.


Onipa nokwafoɔ nhyira bɛdɔɔso, na deɛ ɔrepɛ ntɛm anya ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.


Na hwan koraa ne akoa nokwafoɔ ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfoɔ so sɛ ɔmma wɔn aduane ɛberɛ a ɛsɛ mu?


Nokorɛ mese mo sɛ, ɔbɛma no adi deɛ ɔwɔ nyinaa so.


Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, wadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nnoɔma pii so; kɔ wo wura anigyeɛ mu!


Na yeinom bɛfiri hɔ akɔ daa ahoyera mu; na nnipa tenenee no bɛkɔ daa nkwa mu.


Nokorɛ mese mo sɛ, ɔbɛma no adi deɛ ɔwɔ nyinaa so.


Deɛ ɔdi ade ketewa mu nokorɛ no di pii mu nokorɛ; na deɛ ɔntene adeɛ ketewa mu no, na ɔntene bebree mu nso.


Sɛ obi som me a, ma no nni m’akyi, na faako a mewɔ no, ɛhɔ na me somfoɔ nso bɛba; na sɛ obi som me a, m’Agya bɛdi no ni.


Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ me ara me nkyɛn, na deɛ mewɔ no, mo nso moaba hɔ.


Agya, wɔn a wɔde wɔn ama me no, mepɛ sɛ faako a mewɔ no, wɔn nso mmɛka me ho, na wɔnhunu m’animuonyam a womaa me no, ɛfiri sɛ wodɔ me ansa na wɔhyɛɛ wiase ase.


na mmom Yudani pa ara ne deɛ ɔte saa wɔ ne mu, na twetiatwa pa ara ne deɛ wɔayɛ no akoma mu wɔ honhom mu, na ɛnyɛ deɛ wɔatwerɛ mu. Ɔno na n’ayeyie mfiri nnipa, na mmom ɛfiri Onyankopɔn.


Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn kɔsi sɛ ɛberɛ no bɛduru ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde deɛ ahunta sum mu bɛba hann mu, na wayi akoma mu agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyie bɛma no.


ɛfiri sɛ ɛnyɛ deɛ ɔyi ne ho ayɛ na ɔfata, na mmom deɛ Awurade yi no ayɛ a.


Enti nso yɛbɔ mmɔden sɛ, sɛ yɛwɔ nipadua mu fie oo, yɛfiri hɔ oo, yɛbɛsɔ n’ani.


Na mehini nnoɔma mmienu yi ntam. Anka mepɛ sɛ metu ha na me ne Kristo kɔtena, ɛfiri sɛ ɛno mmom na ɛyɛ pa ara;


Na wɔn a wɔsom yie no, nya nnyinasoɔ pa ne nnam bebree, gyidie a ɛwɔ Kristo Yesu mu mu.


Sɛ yɛgyina pintinn a, yɛne no bɛdi hene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn.


nhwɛ gyidie mu kannifoɔ ne ne wiefoɔ Yesu a ɔhwɛɛ anigyeɛ a ɛda n’anim too ne bo ase hunuu asɛnnua amaneɛ, na wammu aniwuo, na wakɔtena Nyankopɔn ahennwa nifa.


Nsuro amaneɛ a worebɛhunu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom bɛgu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mobɛhunu amane dadu. Di nokorɛ kɔduru owuo mu, na mɛma wo nkwa abotire.


Deɛ ɔdi nkonim no bɛnya yeinom adi, na mɛyɛ no ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ɔba.


Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma ɔne me atena m’ahennwa so, sɛdeɛ me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahennwa soɔ no.


Na adwammaa a ɔwɔ ahennwa no mfimfini no bɛyɛ wɔn Hwɛfoɔ, na ɔde wɔn akɔ nkwa asutire ho, na Onyankopɔn bɛpepa nisuo nyinaa afiri wɔn aniwa mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios