Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 25:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na ntɛm ara deɛ ɔnyaa talente nnum no kɔe, de kɔyɛɛ adwuma na ɔnyaa ho talente nnum.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na ntɛm ara deɛ ɔnyaa talente nnum no kɔe, de kɔyɛɛ adwuma na ɔnyaa ho talente nnum.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Nea ɔmaa no nkotoku anum no de sika no kɔyɛɛ adwuma, nyaa mfaso nkotoku anum kaa ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɔpaani a ɔmaa no dwetɛ kilogram ɔha aduɔson no de sika no kɔdii dwa, nyaa mfasoɔ dwetɛ kilogram ɔha aduɔson kaa ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na ntɛm ara nea onyaa talente anum no kɔe, de kɔyɛɛ adwuma, na onyaa ho talente anum.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 25:16
27 Referencias Cruzadas  

Na Ɔhene Dawid sɔre gyinaa ne nan so kaa sɛ: Me nuanom ne me man, montie me! Me deɛ, na ɛwɔ m’akoma mu sɛ mɛsi homebea fie mama AWURADE apam adaka no, na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiasoɔ. Na masiesie ne sie no ho.


Na n’adwadeɛ ne n’apaadeɛ bɛyɛ kronkron ama AWURADE; wɔremfa mmɔ dwetire, na wɔremfa nsie; na n’adwadeɛ bɛyɛ wɔn a wɔte AWURADE anim no deɛ, na wɔadi amee, na wɔafira ntoma pa.


Na ahemfo bɛyɛ wo mmagyegyefoɔ, na wɔn ahemmaa ayɛ wo nufomafoɔ; wɔde wɔn anim bɛbutubutu fam ama wo, na wɔatafere wo nan ase mfuturo, na woahunu sɛ me, mene AWURADE a wɔn a wɔn ani da me soɔ no ani renwuo.


Na ɔfitii aseɛ buiɛ no, wɔde ɔbaako a ɔde no ɛka talente ɔpedu brɛɛ no.


Saa ara na deɛ ɔnyaa mmienu no nso kɔnyaa mmienu kaa ho.


Na ɔfrɛɛ ne nkoa mu du de mmɛnnaa du maa wɔn; na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ ho adwuma nkɔsi sɛ mɛba.


Na Dawid deɛ, ɔsomm ɔno ara ne berɛ so sɛdeɛ Nyankopɔn pɛ wieeɛ no, ɔwuiɛ, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ɔhunuu porɔeɛ;


nanso Nyankopɔn adom nti na mete sɛdeɛ meteɛ yi; na n’adom a ɔde dom me no anyɛ kwa, na mmom meyɛɛ adwuma bebree mesene wɔn nyinaa, nanso ɛnyɛ me a, na mmom Nyankopɔn adom a ɛka me ho no a.


Okuafoɔ a ɔyɛ adwuma na ɛsɛ sɛ ɔnya mu aba no bi kane.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios