Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 24:30 - New Revised Asante Twi Bible

30 Ɛno na Onipa ba no nsɛnkyerɛnneɛ bɛda adi wɔ soro, na asase so mmusuakuo nyinaa ho bɛhiahia wɔn kɛse, na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum mu tumi ne animuonyam kɛseɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

30 Ɛno na Onipa ba no nsɛnkyerɛnneɛ bɛda adi wɔ soro, na asase so mmusuakuo nyinaa ho bɛhiahia wɔn kɛse, na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum mu tumi ne animuonyam kɛseɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 “Afei Onipa Ba no ho nsɛnkyerɛnne bɛda adi wɔ ɔsoro. Na asase sofo nyinaa betwa agyaadwo bere a wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam nam ɔsoro omununkum mu reba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 “Afei, Onipa Ba no ho nsɛnkyerɛnneɛ bɛda adi, na ɛsoro ne asase sofoɔ nyinaa bɛtwa agyaadwoɔ. Na ewiase amanaman bɛhunu me, sɛ mede tumi ne animuonyam nam ɛsoro omununkum mu reba.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

30 Ɛno na Onipa Ba no sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro, na asase so mmusuakuw nyinaa ho behiahia wɔn kɛse, na wobehu Onipa Ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum so tumi ne anuonyam kɛse mu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 24:30
17 Referencias Cruzadas  

Mehunuu anadwo anisoadehunu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro mununkum mu reba, na ɔduruu deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen no nkyɛn, na wɔmaa no pinkyɛɛ n’anim.


Na mɛhwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na wɔahwɛ deɛ wɔahwire me mu no, na wɔatue ne so su sɛ ɔbakorɔ so su, na wɔatwa ne so agyaadwo a ɛyɛ ya ara sɛ abakan so deɛ.


Ɛda no agyaadwotwirɛ bɛso Yerusalem sɛ Hadad-rimon agyaadwotware no, Megido bonhwa mu,


Na ɔte Ngo Bepɔ soɔ no, asuafoɔ no baa ne nkyɛn wɔ afa baabi bɛkaa sɛ: Ka kyerɛ yɛn, da bɛn na yeinom bɛyɛ hɔ, na ɛdeɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awieeɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ?


Na sɛdeɛ Noa nna no yɛeɛ no, saa ara nso na Onipa ba no ba bɛyɛ.


na wɔanhunu de kɔsii sɛ nsuo bɛfaa wɔn nyinaa kɔeɛ no, saa ara nso na Onipa ba no ba bɛyɛ.


Yesu see no sɛ: Woaka; nanso mese mo sɛ, ɛfiri nnɛ mobɛhunu Onipa ba no sɛ ɔte tumi no nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum soɔ.


Na ɛno na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi kɛseɛ ne animuonyam reba mununkum mu.


Kyerɛ yɛn ɛberɛ ko a yeinom bɛyɛ hɔ, na yeinom nyinaa rebɛba mu a, ɛho nsɛnkyerɛnneɛ ne deɛn?


Ɛnna wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne animuonyam kɛseɛ reba mununkum mu.


Na ɛfiri nnɛ na Onipa Ba no bɛtena Nyankopɔn tumi nifa soɔ.


na wɔkaa nso sɛ: Galilea mmarima, adɛn na mogyina ha rehwɛ soro yi? Yesu yi ara a wɔafa no mo nkyɛn kɔ soro yi, ɔbɛba saa ara, sɛdeɛ mohu no sɛ ɔrekɔ soro yi.


na wama mo a wɔhiahia mo ho no ne yɛn ahome, ɛda a wɔbɛyi Awurade Yesu ne ne tumi abɔfoɔ adie afiri soro, ogyaframa mu,


Hwɛ, ɔnam mununkum mu reba, na aniwa nyinaa bɛhu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no pea no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho bena. Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen.


Na nsɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ bi yii ne ho adi ɔsoro. Ɔbaa bi a ɔfira owia, na ɔsrane wɔ ne nan aseɛ, na nsoromma dummienu abotire bobɔ ne tire


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios