Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 23:31 - New Revised Asante Twi Bible

31 Yei na mode di mo ho adanseɛ sɛ wɔn a wɔkumm adiyifoɔ no mma ne mo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

31 Yei na mode di mo ho adanseɛ sɛ wɔn a wɔkumm adiyifoɔ no mma ne mo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

31 Sɛ moka saa a, mubu mo ho fɔ sɛ moyɛ atirimɔdenfo mma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

31 Sɛ moka saa a, mobu mo ho fɔ sɛ moyɛ atirimuɔdenfoɔ mma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

31 Eyi na mode di mo ho adanse sɛ wɔn a wokum adiyifo no mma ne mo.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 23:31
11 Referencias Cruzadas  

na wɔbɛhwe ase, na wɔn tɛkyerɛma so asɛm abua wɔn atifi, wɔn a wɔhu wɔn nyinaa ho bɛpopo.


N’adiyifoɔ bɔne, ne n’asɔfoɔ amumuyɛ nti na ɛbaa saa; ma wɔhwiee teneneefoɔ mogya wɔn mfimfini.


na moka sɛ: Sɛ yɛwɔ yɛn agyanom berɛ so a, anka yɛne wɔn remmom nhwie adiyifoɔ no mogya ngu.


Mo nso monhyɛ mo agyanom susukoraa no ma!


Hwɛ, yei nti meresoma adiyifoɔ ne anyansafoɔ ne Atwerɛfoɔ aba mo nkyɛn, na mobɛkum wɔn mu bi abɔ wɔn asɛnnua mu, na moaka wɔn mu bi mpire mo hyia adan mu, na moataa wɔn afiri kuro mu akɔ kuro mu;


Ao! Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ, na wosi wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn aboɔ! Mprɛ ahe na anka mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ!


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Akoa bɔne, wo ara w’anom asɛm so na menam mɛbu wo atɛn. Wonim sɛ meyɛ onipa a meyɛ den a mefa deɛ memfa mentoo hɔ, na metwa deɛ menguiɛ,


Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mo ara ne mo ho adansefoɔ sɛ mo ara moayi AWURADE afa sɛ mobɛsom no. Na wɔkaa sɛ: Adansefoɔ ne yɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios