Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 23:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ mote sɛ ɛda a wɔaka ho, a ɛho a wɔhunu no yɛ fɛ, nanso emu deɛ efunu nnompe ne efi nyinaa ayɛ ma.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

27 Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ mote sɛ ɛda a wɔaka ho, a ɛho a wɔhunu no yɛ fɛ, nanso emu deɛ efunu nnompe ne efi nyinaa ayɛ ma.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo! Mote sɛ ɔda a wɔasra ho fɛfɛɛfɛ nanso awufo nnompe ne nneɛma funu ahyɛ mu ma tɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 “Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ! Mote sɛ ɛda a wɔasra ho fɛfɛɛfɛ nanso awufoɔ nnompe ne nneɛma funu ahyɛ mu ma tɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 Munnue, mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mote sɛ ɔda a wɔaka ho, a ɛho a wohu no yɛ fɛ, na emu de, afunu nnompe ne efi nyinaa ayɛ no ma.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 23:27
7 Referencias Cruzadas  

Ano fremfrem ne amumuyɛ akoma te sɛ dwetɛ fi a wɔde adura kuruwago ho.


Na obiara a ɔka deɛ watɔ nkrantɛ ano anaa efunu bi anaa onipa nnompe anaa ɛda bi wiram no, ne ho nte nnanson.


Saa ara nso na moboapa yɛ sɛ nnipa tenenee wɔ nnipa anim, na mo mu deɛ, nyaatwom ne amumuyɛ ayɛ ma.


Monnue sɛ mote sɛ nnamena a ɛnna adie, na nnipa a wɔnam soɔ no nhunu.


Ɛnna Paulo ka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ na Onyankopɔn bɛbɔ woɔ, wo ɔfasuo a wɔahoa ho; na wote hɔ rebu me atɛn sɛdeɛ mmara no teɛ, nanso wobu mmara no so hyɛ sɛ wɔmmɔ me?


Dodoɔ a wɔpɛ sɛ wɔn anim ba nyam honam mu no, wɔn na Kristo Yesu asɛnnua ho taa a wɔmpɛ sɛ wɔtaa wɔn nti, wɔhyɛ mo sɛ montwa twetia.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios