Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 22:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, Mose kaa sɛ: Sɛ obi wu na ɔnni mma a, ne nua nware ne yere no na ɔnwo mma mma ne nua no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

24 sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, Mose kaa sɛ: Sɛ obi wu na ɔnni mma a, ne nua nware ne yere no na ɔnwo mma mma ne nua no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 “Owura, Mose kae se, ‘Sɛ ɔbarima bi anwo na owu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabea na ɔne no nwo mma owufo no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 “Owura, Mose kaa sɛ, ‘Sɛ ɔbarima bi anwo na ɔwu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabaa na ɔne no nwo mma owufoɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

24 sɛ: Kyerɛkyerɛfo, Mose kae sɛ: Sɛ obi wu na onni mma a, ne nua nware ne yere no, na ɔnwo mma ne nua no.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 22:24
14 Referencias Cruzadas  

Na afei Yuda ka kyerɛɛ n’ase Tamar sɛ: Kɔtena kuna mu wɔ w’agya fie kɔsi sɛ me ba Sela bɛnyini. Ɛfiri sɛ ɔse, anyɛ saa a, ɔno nso bɛwu sɛ ne nuanom. Na Tamar kɔ kɔtenaa n’agya fie.


Na Yuda ka kyerɛɛ Onan sɛ: Kɔ wo nua yere no ho, na fa ne kunafoɔ, na wo mma ma wo nua no.


Na wɔsomaa wɔn asuafoɔ kaa Herodefoɔ no ho baa ne nkyɛn sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, na wokyerɛ Nyankopɔn kwan nokorɛ mu, nanso obiara asɛm mfa wo ho; na wonhwɛ nnipa anim.


Na anuanom baason bi tenaa yɛn nkyɛn ha. Deɛ ɔdi kan no waree, na ɔwui; wannya mma, na ɔgyaa ne yere maa ne nua.


Kyerɛkyerɛfoɔ, mmara no mu kɛseɛ ne deɛ ɛwɔ he?


Ɛnyɛ obiara a ɔse me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu, na mmom gye deɛ ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no.


Kyerɛkyerɛfoɔ, Mose twerɛ maa yɛn sɛ: Sɛ obi nua wu, na ɔgya yerɛ, na wannya mma a, ne nua no nware ne yere no, na ɔnwo mma mma ne nua no.


sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, Mose twerɛ maa yɛn sɛ: Sɛ obi nua wu, na ɔwɔ yere, na wanwo mma a, ne nua no mfa ne yere no nware, na ɔnwo mma mma deɛ wawuo no.


Na afei owusɔreɛ mu no, ɔbɛyɛ wɔn mu hwan yere? Ɛfiri sɛ wɔn baason no aware no.


Na adɛn na mofrɛ me: Awurade, Awurade, na monyɛ deɛ meseɛ?


Na Naomi kaa sɛ: Me mma, monsane! Adɛn na mo ne me bɛkorɔ? Mmammarima da so wɔ me yam na wɔabɛyɛ mo kununom?


Tena ha anadwo yi, na sɛ anɔpa, ɔyɛ wo ɔgyefoɔ ade a, ɛyɛ, ma no nyɛ ɔgyefoɔ; na sɛ ɔmpɛ sɛ ɔyɛ wo ɔgyefoɔ ade a, ɛnneɛ sɛ AWURADE te aseɛ yi, me na mɛyɛ wo ɔgyefoɔ. Da ma adeɛ nkye.


Ɛnna Boas kaa sɛ: Da a wobɛtɔ Naomi nsam asase no, wotɔ no Moabni baa Rut a ɔyɛ nsamanyerɛ no nsam, na woama ɔsaman no din so n’awunnyadeɛ ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios