Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 21:33 - New Revised Asante Twi Bible

33 Montie ɛbɛ foforɔ! Afuowura bi wɔ hɔ a ɔyɛɛ bobe turo, na ɔgyee ho ban hyiae, na ɔtuu mu nsa-kyi-amena, na ɔtoo aban tentene, na ɔde hyɛɛ ahwɛsofoɔ bi nsa, na ɔgyaa hɔ kɔɔ baabi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

33 Montie ɛbɛ foforɔ! Afuowura bi wɔ hɔ a ɔyɛɛ bobe turo, na ɔgyee ho ban hyiae, na ɔtuu mu nsa-kyi-amena, na ɔtoo aban tentene, na ɔde hyɛɛ ahwɛsofoɔ bi nsa, na ɔgyaa hɔ kɔɔ baabi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

33 Yesu buu wɔn bɛ foforo bi se, “Da bi, ɔbarima bi a ɔwɔ bobeturo a wagye ban afa ho, na watu amoa a wokyi nsa wɔ mu, de afuw no gyaw akuafo bi. Eyi akyi no, otuu kwan kɔɔ ɔman foforo bi so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

33 Yesu buu wɔn bɛ foforɔ bi sɛ, “Ɛda bi, ɔbarima bi a ɔwɔ bobefuo a wagye ban afa ho, na watu amena a wɔkyi nsã wɔ mu, de afuo no gyaa akuafoɔ bi. Yei akyi no, ɔtuu ɛkwan kɔɔ ɔman foforɔ bi so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

33 Muntie bɛ foforo! Ofiwura bi wɔ hɔ a ɔyɛɛ bobe turo, na ogyee ho ban hyiae, na otuu mu nsa-kyi-amoa, na ɔtoo abantenten, na ɔde hyɛɛ ahwɛsofo bi nsa, na ogyaw hɔ kɔɔ baabi.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 21:33
23 Referencias Cruzadas  

Ɛnna ɔkaa sɛ: Enti tie AWURADE asɛm: Mahunu AWURADE sɛ ɔte n’adwa soɔ, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne ho, ne nifa ne ne benkum.


Montie AWURADE asɛm, Sodom atitire! Monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ, mo Gomora man!


Na ka sɛ: Montie AWURADE asɛm, Yuda ahemfo ne Yerusalemfoɔ, sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede adebɔne mereba ɛha yi a obiara a ɔbɛteɛ no, n’aso mu bɛyɛ no kyeww.


Na me deɛ, metɛɛ wo sɛ bobe pa, wofiri deɛ ɛyɛ nko ara mu. Na ɛyɛɛ dɛn na woadane me amannɔne bobe nhoma yi?


Montie AWURADE asɛm, Israel mma, na AWURADE ne asase sofoɔ anya ɔham. Na nokorɛ ne adɔeɛ ne Nyankopɔn ho nimdeɛ biara nni asase so.


Afei montie ogufoɔ ho bɛ no:


Na ɔsoro ahennie te sɛ onipa bi a ɔyɛ afuowura a ɔfirii adi anɔpatutuutu sɛ ɔrekɔbɔ adwumayɛfoɔ paa akɔ ne turo mu.


Na modwene yei ho sɛn? Ɔbarima bi wɔ mma baanu; na ɔkɔɔ deɛ ɔdi kan no hɔ sɛ: Ɔba, nnɛ kɔyɛ me bobe turo mu adwuma!


sɛ: Mose akonnwa so na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ atena.


Ɛte sɛ onipa a watu kwan agya ne fie, na wama ne nkoa tumi, na wama wɔn nyinaa wɔn adwuma mmaako mmaako, na wahyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ sɛ ɔnwɛn!


Ɔdehyeɛ bi kɔɔ asase bi so akyirikyiri, sɛ ɔrekɔgye n’ahennie na wasane aba.


Mene nokorɛ bobe no, na m’Agya ne okuafoɔ no.


Sisi wo so atemmufoɔ ne mpanimfoɔ, wo nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛdeɛ wo mmusuakuo teɛ no nyinaa mu, na wɔmfa atɛntenenee mmu ɔman no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios