Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 20:28 - New Revised Asante Twi Bible

28 sɛdeɛ Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyedeɛ maa nnipa pii ne no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

28 sɛdeɛ Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyedeɛ maa nnipa pii ne no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

28 Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne kra too hɔ sɛ mpata maa nnipa nyinaa.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

28 Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomoeɛ, na ɔde ne ɔkra too hɔ sɛ agyedeɛ maa nnipa nyinaa.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

28 sɛnea Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyede maa nnipa pii ne no.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 20:28
35 Referencias Cruzadas  

ɛno na ɔhu no mmɔbɔ ka sɛ: Kɔgye no, na wankɔ ɔsɛeɛ Amena no mu, na manya agyedeɛ, a,


Onua rentumi nnye onipa da, ɔremma Onyankopɔn ne mpatadeɛ,


Na ɔno deɛ, yɛn mmarato nti na wɔpiraa no, yɛn amumuyɛ nti na wɔdwerɛɛ no; yɛn asomdwoeɛ ho asotwe daa ne so, na ne mmaa ntampeɛ na wɔde asa yɛn yadeɛ.


Wɔde ahodwan ne atemmuo yii no kɔe; ne berɛsofoɔ nso, hwan na ɔdwenee ho sɛ wɔahwim no afiri ateasefoɔ asase so korɔ, na me man mmarato nti na wɔbobɔɔ no?


nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde wɔn rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;


na obiara a ɔpɛ sɛ ɔdi kan mo mu no, ɔnyɛ mo akoa,


na yei ne me mogya a ɛyɛ apam adeɛ a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fakyɛ.


Na Yesu see no sɛ: Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo, nanso onipa ba no deɛ, ɔnni faako a ɔde ne tiri toɔ.


Na Onipa Ba no nso amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyedeɛ ama nnipa pii.


Na ɔsee wɔn sɛ: Yei ne me mogya a ɛyɛ apam foforɔ no mogya a nnipa bebree nti wɔrehwie aguo.


Na hwan na ɔso, deɛ ɔte aduane pono ho anaasɛ deɛ ɔsom? Ɛnyɛ deɛ ɔte aduane pono ho? Na me deɛ, mewɔ mo mu sɛ deɛ ɔsom.


sɛdeɛ Agya no nim me, na me nso menim Agya no. Na mede me nkwa meto hɔ mema nnwan no.


ɔno na yɛn mfomsoɔ nti wɔyii no maeɛ, na yɛn bembuo nti, wɔnyanee no.


Na monim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no, sɛ ɔyɛ ɔdefoɔ deɛ, nanso mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani, na monam ne hia no so abɛyɛ adefoɔ.


Wɔde Kristo yɛɛ abusudeɛ maa yɛn, ama no atɔ yɛn afiri mmara nnome mu, ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔadome obiara a ɔsɛne dua soɔ,


Ɔno ara mu na yɛanya ɔgyeɛ a ɛnam ne mogya soɔ, a ɛne mfomsoɔ fakyɛ no wɔ n’adom bebree mu.


na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no.


a ɔde ne ho maa sɛ agyedeɛ maa nnipa nyinaa sɛ ɛnyɛ adanseɛ ɛberɛ a wɔahyɛ mu.


Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Na ɛfataa deɛ ne nti nnoɔma nyinaa wɔ hɔ na ɛnam ne so na nnoɔma nyinaa wɔ hɔ, deɛ ɔde mma bebree baa animuonyam mu no, sɛ ɔde wɔn nkwagyeɛ safohene nam amanehunu mu bɛkɔ pɛyɛ mu.


Ɔyɛ Ɔba deɛ, nanso ɔsuaa amaneɛ a ɔhunuiɛ no mu setie,


saa ara nso na Kristo a wɔde no bɔɔ afɔdeɛ prɛko sɛ ɔnsoa nnipa bebree bɔne no bɛkwati bɔne ayi ne ho adi ne mprenu soɔ, akyerɛ wɔn a wɔhwɛ no kwan no, de wɔn akɔ nkwagyeɛ mu.


Ɔno ara na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no soɔ, sɛ, sɛ yɛawu ama nnebɔne a, yɛntena ase mma tenenee. Ɔno na wɔde ne mmaa ntampeɛ asa mo yadeɛ.


Ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu bɔne ho amane prɛko, deɛ ɔtene hunu maa wɔn a wɔntene, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Nyankopɔn nkyɛn. Wɔkumm no honam mu, na wɔmaa no tenaa ase honhom mu.


Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn deɛ ho nko, na mmom wiase nyinaa deɛ ho bi.


ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdansefoɔ nokwafoɔ ne awufoɔ mu abakan ne asase so ahene sodifoɔ no nkyɛn nka mo. Deɛ ɔdɔ yɛn, na ɔde ne mogya adware yɛn afiri yɛn bɔne mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios