Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 2:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Ɛnna Herode frɛɛ anyansafoɔ no kokoam, bisaa wɔn berɛ ko a nsoromma no firiiɛ no yie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Ɛnna Herode frɛɛ anyansafoɔ no kokoam, bisaa wɔn berɛ ko a nsoromma no firiiɛ no yie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔhene Herode frɛɛ anyansafo no kokoa mu bisaa wɔn bere pɔtee a wohuu nsoromma no. Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn se,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔhene Herode frɛɛ anyansafoɔ no kɔkoam bisaa wɔn ɛberɛ pɔtee a wɔhunuu nsoromma no. Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Ɛnna Herode frɛɛ anyansafo no kokoam, bisaa wɔn bere ko a nsoromma no fii no yiye;

Ver Capítulo Copiar




Mateo 2:7
16 Referencias Cruzadas  

N’anomu nsɛm yɛ fekɔɔ sene bɔta, na ɔko wɔ n’akomam. Ne nsɛm mu dwo bɛtɛɛ sene ngo, nanso ɛyɛ mfena a wɔatwe.


Momma yɛmfa nyansa kwan bi so ne wɔn nni, na wɔannɔɔso, na sɛ ɛsa bi ba a, wɔankɔka yɛn atamfoɔ ho ne yɛn ammɛko, na wɔansɔre asase yi so ankɔ.


Mehu no, nso ɛnyɛ seesei, mehwɛ no, nso ɔmmɛn: Nsoromma bɛpue Yakob mu, na ahempoma bɛfiri Israel mu asɔre, na wadwerɛ Moab afanan nyinaa na wabubu ɔko huuyɛ mma no nyinaa.


Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, Ɔhene Herode berɛ so no, hwɛ anyansafoɔ bi firi Apueeɛ baa Yerusalem


Na Herode hunuu sɛ anyansafoɔ no agoro ne ho no, ne bo fuu pii; na ɔsoma maa wɔkɔkunkumm mmɔfra a wɔwɔ Betlehem ne n’ahyeɛ so a wɔadi mfeɛ mmienu ne wɔn a wɔnnya nniiɛ nyinaa, sɛdeɛ berɛ no a ɔbisabisaa anyansafoɔ no kyerɛ.


Afei ɔsomaa wɔn Betlehem sɛ: Monkɔ nkɔhwehwɛ abɔfra no yie; na sɛ monya hu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔ nkɔkoto no bi.


Na Felike nim Ɔkwan no ho asɛm no mu yie nti, ɔkaa sɛ montwentwɛn so kakra na sɛ: Ɔsafohene Lisia ba a, na mɛtie asɛm no mu yie.


Na ɔwɔ no puu n’anomu nsuo te sɛ asubɔnten guu ɔbaa no akyi, sɛ anka ɛmfa no.


Na Saulo se: Mede no bɛma no, na ayɛ no fidie, na Filistifoɔ nsa aka no. Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid ne mprenu soɔ sɛ: Wobɛyɛ m’ase nnɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios