Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 19:29 - New Revised Asante Twi Bible

29 Na obiara a me nti wagya afie, anaa nuammarima anaa nuammaa, anaa agya anaa ɛna anaa mma, anaa nsase hɔ no, ɔbɛnya no mmɔho ɔha na wanya daa nkwa afa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

29 Na obiara a me nti wagya afie, anaa nuammarima anaa nuammaa, anaa agya anaa ɛna anaa mma, anaa nsase hɔ no, ɔbɛnya no mmɔho ɔha na wanya daa nkwa afa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

29 Na obiara a obegyaw ne fi, ne nuabarimanom, ne nuabeanom, nʼagya, ne na, ne yere, ne mma anaa nʼagyapade abedi mʼakyi no, obenya no ho mmɔho ɔha, na wanya nkwa a enni awiei nso.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

29 Na obiara a ɔbɛgya ne efie, ne nuammarimanom, ne nuammaanom, nʼagya, ne maame, ne yere, ne mma anaa nʼagyapadeɛ abɛdi mʼakyi no, ɔbɛnya no ɛho mmɔho ɔha, na wanya nkwa a ɛnni awieeɛ nso.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

29 Na obiara a me din nti wagyaw ofi, nuammarima anaa nuammea, agya anaa ɛna anaa mma anaa nsaase no, obenya no mmɔho ɔha na wanya daa nkwa.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 19:29
25 Referencias Cruzadas  

ɔhwehwɛ wɔ ne berɛ, na ɔyera wɔ ne berɛ; nhwɛsoɔ wɔ ne berɛ, na ɔtoguo wɔ ne berɛ;


Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtane mo; na deɛ ɔbɛgyina ano akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.


Na deɛ wɔguu no asase pa mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na ɔte aseɛ; ɔno na ɔso aba, ebi so ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.


Na ebi nso kɔguu asase pa mu; na ɛsoo aba, ebi ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.


Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa; na obiara a me nti ne kra bɛyera no deɛ, ne nsa bɛka.


Na hwɛ, obi baa hɔ bɛsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, adepa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa?


Ɛno na ɔhene no bɛse wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’Agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahennie a wɔasiesie ama mo firi wiase mfitiaseɛ no nni!


Na yeinom bɛfiri hɔ akɔ daa ahoyera mu; na nnipa tenenee no bɛkɔ daa nkwa mu.


Nhyira ne mo sɛ wɔya mo, na wɔtaa mo, na me din nti wɔdi atorɔ ka asɛmmɔne nyinaa bi to mo soɔ.


Na monhwehwɛ Nyankopɔn ahennie ne ne tenenee kane; na wɔde yeinom nyinaa bɛka mo ho.


Sɛ obi ba me nkyɛn, na ɔntane n’agya ne ne na ne ne yere ne ne mma ne ne nuammarimanom ne ne nuammaanom ne ɔno ara ne ho nso a, ɔntumi nyɛ me suani.


Na wɔde akodoɔ no baa asase soɔ no, wɔgyaa ne nyinaa hɔ dii n’akyi.


Nhyira ne mo sɛ nnipa kyiri mo, na wɔyi mo firi wɔn mu na, wɔya mo, na wɔto mo din twene sɛ dimmɔne, Onipa Ba no nti.


Sɛ mofiri wiase a, anka wiase bɛdɔ ɔno ara ne deɛ; na sɛ momfiri wiase na mayi mo afiri wiase yi, yei nti na wiase tane mo.


Na deɛ ɔtwa no gye akatua, na ɔboaboa aba no ano kɔ daa nkwa mu; na deɛ ɔguiɛ ne deɛ ɔtwaeɛ nyinaa ani agye prɛko.


Na me na mɛkyerɛ no amaneɛ pii a me din nti ɛsɛ sɛ ɔhunu.


na mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ani nhunuiɛ, na aso nteeɛ na ɛmmaa onipa akoma mu da ne nnoɔma a Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no.


Enti ɛfiri nnɛ yi, yɛnnim obiara honam fa mu; na sɛ yɛhunuu Kristo honam fa mu mpo a, afei deɛ yɛnnim no saa bio.


Nanso ampa ara meda so mebu nnoɔma nyinaa adehwereɛ, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛboro soɔ no nti. Ne nti na mebuu nnoɔma no nyinaa adehwereɛ, na mebu no sɛ sumina so adeɛ, na Kristo ayɛ me mfasoɔ,


Sɛ wɔya mo Kristo din nti a, nhyira ne mo, ɛfiri sɛ animuonyam ne Nyankopɔn honhom wɔ mo so.


Na ne din nti na wɔnam, na wɔannye amanaman mufoɔ no hɔ biribiara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios