Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 19:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Ɛnna Petro bua see no sɛ: Hwɛ, yɛagya nnoɔma nyinaa hɔ abɛdi w’akyi. Ɛdeɛn koraa na yɛbɛnya?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

27 Ɛnna Petro bua see no sɛ: Hwɛ, yɛagya nnoɔma nyinaa hɔ abɛdi w’akyi. Ɛdeɛn koraa na yɛbɛnya?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Petro nso kae se, “Yagyaw biribiara hɔ abedi wʼakyi; na mfaso bɛn na yebenya afi wʼakyidi no mu?”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Petro nso kaa sɛ, “Yɛagya biribiara hɔ abɛdi wʼakyiri; na ɛdeɛn mfasoɔ na yɛbɛnya afiri wʼakyiridie no mu?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 Ɛnna Petro bua see no sɛ: Hwɛ, yɛagyaw ade nyinaa abedi w’akyi. Dɛn ara na yebenya?

Ver Capítulo Copiar




Mateo 19:27
17 Referencias Cruzadas  

Na Yesu hwɛɛ wɔn, see wɔn sɛ: Onipa fam na yei ntumi nyɛ hɔ, na Nyankopɔn fam deɛ nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ.


Na Yesu see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mo a moabɛdi m’akyire yi, wiase foforɔ no mu no, ɛda a Onipa Ba no bɛtena n’animuonyam ahennwa soɔ no, mo nso mobɛtena ahennwa dummienu so, abu Israel mmusuakuo dummienu no atɛn.


Na Yesu firi hɔ retwam no, ɔhunuu onipa bi a ɔte atogyeeɛ a wɔfrɛ no Mateo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Di m’akyi. Na ɔsɔre dii n’akyi.


Na Petro fitii aseɛ see no sɛ: Hwɛ, yɛagya nnoɔma nyinaa hɔ abɛdi w’akyi.


Na ɔretwam no, ɔhunuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte atogyeeɛ, na Yesu see no sɛ: Di m’akyi. Na ɔsɔre dii n’akyi.


Saa ara nso na mo mu biara a ɔnnya deɛ ɔwɔ nyinaa hɔ ntumi nyɛ me suani.


Na ɔbua see agya no sɛ: Hwɛ mfirinhyia dodoɔ yi a mede masom woɔ, nso mentoo wo mmara da; nanso wommaa me abirekyie ba bi sɛ me ne me nnamfonom mfa nkɔgye yɛn ani da.


Na Petro se: Hwɛ, yɛagya ade nyinaa hɔ abɛdi w’akyi.


Na wɔde akodoɔ no baa asase soɔ no, wɔgyaa ne nyinaa hɔ dii n’akyi.


na honam biara anhoahoa ne ho n’anim.


Na hwan na ɔma wo da nso wɔ afoforɔ mu? Na ɛdeɛn na wowɔ a woannya? Na sɛ wonyae a, adɛn nti na wohoahoa wo ho sɛdeɛ ɛnyɛ nya na wonyaeɛ?


Ɔno a ɔkaa wɔ n’agya ne ne na ho sɛ: Menni wɔn! Na wammu ne nuanom, na ɔpoo ne mma. Na wɔdi wo nsɛm so, na wɔkora w’apam;


Nanso ampa ara meda so mebu nnoɔma nyinaa adehwereɛ, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛboro soɔ no nti. Ne nti na mebuu nnoɔma no nyinaa adehwereɛ, na mebu no sɛ sumina so adeɛ, na Kristo ayɛ me mfasoɔ,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios