Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 18:28 - New Revised Asante Twi Bible

28 Na akoa no ara firii adie no, ɔkɔhunuu ne nwirakwaa no mu baako a ɔde no denare ɔha; na ɔsɔɔ no mu, tim no amenewa kaa sɛ: Tua me ka!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

28 Na akoa no ara firii adie no, ɔkɔhunuu ne nwirakwaa no mu baako a ɔde no denare ɔha; na ɔsɔɔ no mu, tim no amenewa kaa sɛ: Tua me ka!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

28 “Saa ɔpaani yi fii hɔ no, okohuu ne yɔnko paani bi a ɔde no ka sika kakraa bi. Otim no amene sɛ ontua no ka a ɔde no no wɔ hɔ ara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

28 “Saa ɔpaani yi firi hɔ no, ɔkɔhunuu ne nwurakwaa no mu bi a ɔde no ka sika kakraa bi. Ɔtim no amene sɛ ɔntua no ɛka a ɔde no no wɔ ɛhɔ ara.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

28 Na akoa no ara fii adi no, okohuu ne nwurakwaa no mu biako a ɔde no denare ɔha; na osoo no mu tim no amenewa kae sɛ: Tua me ka!

Ver Capítulo Copiar




Mateo 18:28
15 Referencias Cruzadas  

Na sɛ asase no sofoɔ de adetɔnneɛ anaa aduane biara ba bɛtɔn no homeda a, yɛrentɔ mfiri wɔn hɔ homeda anaa da kronkron biara mu. Na yɛbɛgya afe a ɛtɔ so nson no mu nnɔbaeɛ, na yɛrennan ka biara.


Na me ne me ho tuu agyina, na me ne mmapɔmma ne mpanimfoɔ no hamee, na mesee wɔn sɛ: Mfɛntom na mogyegye mo nuanom hɔ! Na mebɔɔ wɔn so dwa kɛseɛ,


Ohiani a ɔhyɛ ohiani soɔ te sɛ osuo a ɛpra adeɛ korɔ a ɛmma aduane mma.


Wɔka sɛ: Adɛn nti na yɛdi mmuada na wonhunu, yɛbrɛ yɛn kra ase na wonnim yi? Hwɛ, mo abuada da no, moyɛ deɛ mo ara mopɛ, na moteetee mo adwumayɛfoɔ nyinaa.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Momma no nnɔɔso mma mo, Israel aberempɔn, monnyae amimdie ne nhyɛsoɔ, na monyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ, monnyae sɛ monam ɔhyɛ so gye nsase firi me nkurɔfoɔ hɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na akoa no wura no hunuu no mmɔbɔ, na ɔgyaee no, na ɔde ka no kyɛɛ no.


Na n’awirakwaa no nso de ne ho hwee fam srɛɛ no sɛ: To wo bo ase ma me, na mɛtua.


Na ɔne adwumayɛfoɔ no dii ano sɛ da koro denare baako no, ɔmaa wɔkɔɔ ne bobe turo mu.


Anka wɔbɛtumi atɔn ngo hwamhwam yi agye bɛboro denare ahasa, na wɔde ama ahiafoɔ. Na wɔnwiinwii tiaa no.


Na ɔbua see wɔn sɛ: Mo ara momma wɔn biribi nni. Na wɔsee no sɛ: Yɛnkɔ nkɔtɔ paanoo denare ahanu, na yɛmfa mma wɔnni anaa?


Na adeɛ kyeeɛ no, ɔyii denare mmienu de maa ahɔhodan mu panin no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ no, na biribiara a wobɛhwere aka ho no, mesane meba a, mɛhyɛ wo ananmu.


Ɔse: Boseabɔni bi wɔ akafoɔ baanu; ɔbaako de no denare ahanum, na ɔbaako de no aduonum.


Filipo buaa no sɛ: Paanoo denare ahanu renso wɔn sɛ wɔn mu biara bɛnya kakra.


Na sɛdeɛ wɔnnyaa mu nkyɛ nie: Ɔdefɛmni biara a ɔde biribi afɛm ne yɔnko mfa nkyɛ no; ɔnnhyɛ ne yɔnko ne ne nua sɛ ɔntua, ɛfiri sɛ wɔapae no adekyɛ afe ama AWURADE.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios