Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 18:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Na akoa no wura no hunuu no mmɔbɔ, na ɔgyaee no, na ɔde ka no kyɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

27 Na akoa no wura no hunuu no mmɔbɔ, na ɔgyaee no, na ɔde ka no kyɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Ɔpaani yi asɛm a ɔkae no yɛɛ ɔhene no mmɔbɔ, ma ogyaa no de ne ka no nyinaa nso kyɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Ɔpaani yi asɛm a ɔkaeɛ no yɛɛ ɔhene no mmɔbɔ, ma ɔgyaa no de ne ka no nyinaa nso kyɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 Na akoa no wura no huu no mmɔbɔ, gyaa no, na ɔde ka no kyɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 18:27
11 Referencias Cruzadas  

Na wɔampɛ sɛ wɔtie, na wɔankae w’anwanwadeɛ a woyɛɛ no wɔn mu no, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔsii wɔn so panin sɛ wɔresane akɔ Misraim wɔn anyadie no mu, wɔn atuateɛ no mu. Na wone fakyɛ Nyankopɔn, ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, woyɛ abufuo mu nyaa, na w’adɔeɛ dɔɔso, na woannya wɔn.


AWURADE yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, ne bo kyɛre fu na n’adɔeɛ so.


Na ɔno deɛ, ɔyɛ ntimmɔborɔ nti, ɔkataa wɔn amumuyɛ so, na wansɛe nnipa; na ɔtaa sianka n’abufuo, na wanhwanyan n’awerɛhoɔ nyinaa.


Na wo, AWURADE, woyɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ, wo boasetɔ kyɛ, na w’adɔeɛ ne wo nokorɛ dɔɔso.


Na wo, AWURADE, woyɛ, na wode kyɛ, na w’adɔeɛ dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ woɔ nyinaa.


Anka mɛyi wo mama sɛn, O Efraim, na magyaa wo mu sɛn, O Israel! Adɛn nti na mɛyi wo mama sɛ Adma, na mayɛ wo sɛ Seboim? M’akoma adane wɔ me mu, aane! mmɔborɔhunu agye me yam nyinaa.


Na akoa no ara firii adie no, ɔkɔhunuu ne nwirakwaa no mu baako a ɔde no denare ɔha; na ɔsɔɔ no mu, tim no amenewa kaa sɛ: Tua me ka!


Ɛnna ne wura no frɛɛ no see no sɛ: Akoa bɔne, wosrɛɛ me nti, mede ɛka no nyinaa mekyɛɛ wo;


Na wɔnnya biribi ntua no, ɔde kyɛɛ wɔn baanu nyinaa kwa. Enti kyerɛ me wɔn mu deɛ ɔbɛdɔ no bebrebe.


Na Simon buaa se: Mesusu sɛ deɛ ɔde bebrebe kyɛɛ no no. Na ɔsee no sɛ: Woabua no yie.


Na wɔyiyii anyame ananafoɔ no firii wɔn mu, na wɔsomm AWURADE; na Israel amanehunu no yɛɛ ne kra ahomete.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios