Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 18:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Saa ara na ɛnyɛ adeɛ a Agya a ɔwɔ soro no pɛ, sɛ nkumaa yi mu baako bɛyera.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Saa ara na ɛnyɛ adeɛ a Agya a ɔwɔ soro no pɛ, sɛ nkumaa yi mu baako bɛyera.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Saa ara nso na mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no mpɛ sɛ nketewa yi mu baako bɛyera.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Saa ara nso na mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no mpɛ sɛ nketewa yi mu baako bɛyera.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Saa ara na ɛnyɛ mo agya a ɔwɔ soro no apɛde sɛ nkumaa yi mu biako bɛyera.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 18:14
19 Referencias Cruzadas  

Ɔbɛyɛne ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ, ɔbɛturu nnwammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nnwan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛɛ.


Afena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo AWURADE asɛm nie; bɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no nhwete, na mɛdane me nsa aba nkumaa no so.


Na sɛ ɛba sɛ ɔhu no a, nokorɛ mese mo sɛ, n’ani gye ne ho sene aduɔkron nkron a wɔamfom kwan no ho.


Na sɛ wo nua fom wo a, kɔ na kɔyi no atɛn, wo ne no nko ara ntam. Sɛ ɔtie wo a, woanya wo nua.


Ne saa nti, momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahunu mo nneyɛɛ pa, na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no animuonyam.


Na yeinom nyinaa akyi na wiase amanaman no die. Na mo soro Agya nim sɛ yei nyinaa hia mo.


Enti mommɔ mpaeɛ sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, Wo din ho nte,


Kuo ketewa, monnsuro! Ɛfiri sɛ ɛyɛ mo Agya no fɛ sɛ ɔde ahennie no bɛma mo.


Mewɔ wɔn nkyɛn no, mede wɔn mesiee wo din mu, wɔn a wode wɔn ama me no; mawɛn wɔn, na wɔn mu bi nyerae, gye ɔyera ba no, — na twerɛsɛm no aba mu.


Ɛnna wɔdidi wieeɛ no, Yesu see Simon Petro sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me sene yeinom? Ɔsee no sɛ: Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛne me nnwammaa!


Yei nti meto me bo ase amaneɛ nyinaa mu, wɔn a wɔayi wɔn no nti, na wɔn nso anya nkwagyeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ne daa animuonyam.


Na monsiesie ɔkwan tenenee mma mo anan, na deɛ atɔ apakye no antere ho, na mmom wɔasa no yadeɛ.


Awurade nkyɛre ne bɔhyɛ ho, sɛdeɛ ebinom bu no sɛ ɛkyɛreɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛre ma mo, ɔmpɛ sɛ obiara bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakyera mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios