Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 17:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na Yesu teateaa no, na honhommɔne no firi ne mu firii adi, na ɛfiri dɔn no ara mu na abɔfra no yadeɛ no gyaeeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Na Yesu teateaa no, na honhommɔne no firi ne mu firii adi, na ɛfiri dɔn no ara mu na abɔfra no yadeɛ no gyaeeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Yesu teɛteɛɛ honhommɔne a ɛwɔ abarimaa no mu no ma etu fii ne mu ma amono mu hɔ ara ne ho tɔɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Yesu teateaa honhommɔne a ɛwɔ abarimaa no mu no ma ɛtu firii ne mu ma amonom hɔ ara ne ho tɔɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na Yesu teɛteɛɛ no, na honhommɔne no fii ne mu, na efi dɔn no ara mu na abofra no yare no gyaee.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 17:18
15 Referencias Cruzadas  

Ɛnna wɔde obi a ɔwɔ honhommɔne a ɔyɛ onifirani ne emum brɛɛ no, na ɔsaa no yadeɛ maa emum no kasae, na ɔhunuu adeɛ.


Ɛnna Yesu bua see no sɛ: O, ɔbaa, wo gyidie so; ɛnyɛ mma wo sɛdeɛ wopɛ no. Na amonom hɔ ara ne babaa no ho yɛɛ no den.


Na Yesu kaa sɛ: O nnɛ mma a monni gyidie na moakyea, me ne mo ntena hɔ nkɔduru da bɛn? Mento me bo ase mma mo nkɔsi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha!


Ɛnna asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn ɛfa baabi, na wɔbisaa no sɛ: Adɛn nti na yɛantumi antu no?


Na Yesu danee ne ho na ɔhunuu no no, ɔkaa sɛ: Ɔbabaa, ma wo bo ntɔ wo yam, wo gyidie agye wo. Na ɛfiri dɔn no ara mu no na ɔbaa no ho yɛɛ no den.


Na ɔsaa nnipa bebree a wɔyare nyarewa ahodoɔ pii yadeɛ, na ɔtuu ahonhommɔne pii; na wamma ahonhommɔne no kwan sɛ wɔnkasa, ɛfiri sɛ na wɔnim no.


Ɛfiri sɛ wase no sɛ: Wo honhom fi, firi onipa no mu.


Na ahonhommɔne nso firii nnipa pii mu kɔe, na wɔteaa mu sɛ: Wone Nyankopɔn ba no! Na ɔteateaa wɔn, wamma wɔankasa, ɛfiri sɛ wɔnim sɛ ɔne Kristo no.


Ɛfiri sɛ waka akyerɛ honhom fi no sɛ ɔmfiri onipa no mu; (na daa na ɛkye no a, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn ne mpokyerɛ gu no wɛn no, na ɔtete deɛ wɔde akyekyere no no mu. Na honhommɔne no pamm no kɔɔ anwea pradada so.)


Na ɔreba no, honhommɔne no himm no hwee fam, na ɛsensenee no. Na Yesu teateaa honhom fi no, na ɔsaa abɔfra no yadeɛ, na ɔde no maa n’agya.


Na ɔyɛɛ yei nna bebree. Na ɛyɛɛ Paulo ahomete, na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ honhom no sɛ: Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ: Firi adi firi ne mu! Na dɔn no ara mu ɔfirii adi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios