Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 16:28 - New Revised Asante Twi Bible

28 Nokorɛ mese mo sɛ: Nnipa binom gyina ha a wɔrenka owuo nhwɛ kɔsi sɛ wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba n’ahennie mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

28 Nokorɛ mese mo sɛ: Nnipa binom gyina ha a wɔrenka owuo nhwɛ kɔsi sɛ wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba n’ahennie mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

28 “Nokware mise mo sɛ: Mo mu bi renwu kosi sɛ mubehu Onipa Ba no sɛ ɔreba nʼahenni mu.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

28 “Nokorɛ mese mo sɛ: Mo mu bi renwu kɔsi sɛ mobɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba nʼahennie mu.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

28 Nokware mise mo sɛ: Nnipa bi gyina ha a wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu Onipa Ba no sɛ ɔreba n’ahenni mu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 16:28
25 Referencias Cruzadas  

Na sɛ wɔtaa mo kuro yi mu a, monnwane nkɔ foforɔ mu; na nokorɛ mese mo sɛ, morenwie Israel nkuro nyinaa mu ansa na Onipa Ba no aba.


Na Yesu duruu Kaesarea Filipi fam no, ɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: Nnipa se Onipa Ba no ne hwan?


Na ɔte Ngo Bepɔ soɔ no, asuafoɔ no baa ne nkyɛn wɔ afa baabi bɛkaa sɛ: Ka kyerɛ yɛn, da bɛn na yeinom bɛyɛ hɔ, na ɛdeɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awieeɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ?


Nokorɛ mese mo sɛ, awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ yeinom nyinaa aba mu ansa.


Enti monwɛn, ɛfiri sɛ monnim da ko a mo wura bɛba.


Yesu see no sɛ: Woaka; nanso mese mo sɛ, ɛfiri nnɛ mobɛhunu Onipa ba no sɛ ɔte tumi no nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum soɔ.


Na Yesu see no sɛ: Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo, nanso onipa ba no deɛ, ɔnni faako a ɔde ne tiri toɔ.


Na ɛno na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi kɛseɛ ne animuonyam reba mununkum mu.


Na obiara a n’ani bɛwu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfoɔ kronkron no bɛba wɔ n’agya animuonyam mu no.


Na ɔsee wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ wɔn a wɔgyina ha yi binom wɔ hɔ a wɔrenka owuo nhwɛ, de bɛkɔ akɔsi sɛ wɔbɛhunu Nyankopɔn ahennie no sɛ ɛde tumi aba.


Mese mo sɛ, ɔbɛbu atɛn agye wɔn ntɛm. Nanso Onipa Ba no ba a, anka ɔbɛhunu gyidie asase so?


Na Honhom Kronkron no ayi akyerɛ no sɛ ɔrenhunu owuo, gye sɛ wahunu Kristo a ɔyɛ Awurade deɛ no ansa.


Na nokorɛ mese mo sɛ: Wɔn a wɔgyina ha yi mu binom wɔ hɔ a, wɔrenka owuo nhwɛ kɔsi sɛ wɔbɛhunu Nyankopɔn ahennie ansa.


Yesu see no sɛ: Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo deɛ, di m’akyi!


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, obi di m’asɛm so a, ɔrenhunu owuo ara da.


Ɛnna Yudafoɔ no see no sɛ: Afei na yɛahunu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham ne adiyifoɔ no wuwui, na wo deɛ, wose: Sɛ obi di m’asɛm so a, ɔrenka owuo nhwɛ ara da.


na wɔkaa nso sɛ: Galilea mmarima, adɛn na mogyina ha rehwɛ soro yi? Yesu yi ara a wɔafa no mo nkyɛn kɔ soro yi, ɔbɛba saa ara, sɛdeɛ mohu no sɛ ɔrekɔ soro yi.


Na obiara wɔ ne diberɛ; Kristo ne aduaba a ɛdi kan, ansa na wɔn a wɔyɛ Kristo dea, ne ba mu no, di hɔ,


na motwɛn ne Ba a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no afiri soro, ɔno ne Yesu a ɔyi yɛn firi abufuo a ɛreba no mu.


Na mmom, yɛhunu Yesu, deɛ berɛ tiawa bi mu, wɔbrɛɛ no ase senee abɔfoɔ no, sɛdeɛ ɔbɛfa Onyankopɔn adom so bɛka owuo ahwɛ ama nnipa nyinaa. Seesei ɛsiane owuo amanehunu nti, wɔde animuonyam ne anidie abɔ no abotire.


Enti, anuanom, monya abodwokyɛre nkɔduru da a Awurade bɛba. Hwɛ, okuafoɔ a ɔretwɛn asase aba a ne boɔ yɛ den no to ne bo ase kyɛre wɔ ho, de kɔsi sɛ ɛnya feefee ne asusɔ.


Na ɛnyɛ anansesɛm a wɔtoo no nyansam akyi na yɛdi kaa mo yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ne ba no ho asɛm, na mmom yɛyɛɛ n’animuonyam kɛseɛ no ho adansefoɔ a na yɛn ani tua.


Na afei, mma nkumaa, montena ne mu, na sɛ oyi ne ho adi a, yɛanya awerɛhyɛmu, na yɛn ani anwu n’anim, ne ba mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios