Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 16:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na wɔse: Ebinom se: Yohane suboni no. Ebinom se: Elia. Na ebinom nso se: Yeremia anaa adiyifoɔ no mu baako.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na wɔse: Ebinom se: Yohane suboni no. Ebinom se: Elia. Na ebinom nso se: Yeremia anaa adiyifoɔ no mu baako.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Wobuaa no se, “Ebinom se wone Yohane Osuboni. Ebinom nso se Elia. Afoforo nso se wone Yeremia anaa adiyifo no mu baako.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Wɔbuaa no sɛ, “Ebinom se wone Yohane Osubɔni. Ebinom nso se Elia. Afoforɔ nso se wone Yeremia anaa adiyifoɔ no mu baako.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na wose: Ebinom se: Yohane suboni no. Na ebinom se: Elia. Na ebinom nso se: Yeremia anaa adiyifo no mu biako.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 16:14
14 Referencias Cruzadas  

Hilkia ba Yeremia a ɔfiri asɔfoɔ a wɔwɔ Anatot, Benyamin asase soɔ no mu no nsɛm nie.


Hwɛ, meresoma Odiyifoɔ Elia mabrɛ mo, ansa na AWURADE da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.


na ɔsee n’asomfo sɛ: Yohane suboni no ne no; wanyane afiri awufoɔ mu, na ɛno nti na tumideɛ yi yɛ adwuma wɔ ne mu yi.


Ɔbisaa wɔn sɛ: Na mo nso, mose mene hwan?


Na asuafoɔ no bisaa no sɛ: Adɛn nti na Atwerɛfoɔ no ka sɛ ɛsɛ sɛ Elia ba ansa?


Na nna no mu no, Yohane a ɔyɛ osuboni no ba bɛkaa asɛm wɔ Yudea serɛ so


Na ebinom se: Ɛyɛ Elia; na ebinom nso se: Ɛyɛ odiyifoɔ te sɛ adiyifoɔ no mu baako.


Na wɔbuaa no sɛ: Yohane suboni; na ebinom se: Elia; na ebinom nso se: Adiyifoɔ no mu baako.


na ebinom se: Elia ayi ne ho akyerɛ, na afoforɔ se: Tete adiyifoɔ no mu baako asɔre.


Na wɔbisaa no sɛ: Ɛnneɛ na hwan ne wo? Wone Elia? Na ɔse: Ɛnyɛ mene no. Wone odiyifoɔ no? Na ɔbuaa sɛ: Dabi.


Na huhuhuhu bebree aba nkurɔfoɔ akuakuo no mu wɔ ne ho. Ebinom se: Ɔyɛ onipa pa; na ebinom se: Dabi, na ɔdaadaa nkurɔfoɔ mmom.


Ɛnna wɔsee onifirani no bio sɛ: Wo deɛ, woka deɛn ne ho, sɛ ɔbuee w’ani no? Na ɔse: Ɔyɛ odiyifoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios