Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 15:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Na ɔse: Ɛwom, Awurade, nanso nkraman mma no nso di mporoporowa a ɛfiri wɔn wuranom pono so gu fam no bi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

27 Na ɔse: Ɛwom, Awurade, nanso nkraman mma no nso di mporoporowa a ɛfiri wɔn wuranom pono so gu fam no bi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Ɔbea no nso buae se, “Ɛwɔ mu saa de, nanso akraman no nso tumi di mporoporowa a efi wɔn wura no pon so gu fam no.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Ɔbaa no nso buaa sɛ, “Ɛwom saa deɛ, nanso nkraman no nso tumi di mporoporowa a ɛfiri wɔn wura no ɛpono so gu fam no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 Na ose: Ɛwom, Awurade, nanso akraman mma no nso di mporoporowa a efi wɔn wuranom pon so gu fam no bi.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 15:27
24 Referencias Cruzadas  

w’adɔeɛ ne wo nokorɛ a wode akyerɛ w’akoa yi mu biara nsɛ me, ɛfiri sɛ mede me poma na metwaa Yordan yi, na afei mayɛ akuo mmienu.


deɛ ɛbɛyɛ na woakaeɛ, na w’ani awuo, na w’aniwuo nti woammue w’ano bio, sɛ makata deɛ woyɛeɛ no nyinaa so mama woɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Me Nyankopɔn, brɛ w’aso ase tie, bue w’ani na hwɛ yɛn amamfo ne kuro a wɔabɔ wo din wɔ soɔ no, na ɛnyɛ yɛn tenenee so na yɛde yɛn nkotosrɛ reba w’anim yi, na mmom wo mmɔborɔhunu bebree ntira,


Na ɔbuaa sɛ: Ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduane to ma nkraman mma.


Ɛnna Yesu bua see no sɛ: O, ɔbaa, wo gyidie so; ɛnyɛ mma wo sɛdeɛ wopɛ no. Na amonom hɔ ara ne babaa no ho yɛɛ no den.


na moayɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma; ɛfiri sɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔtɔ nsuo gu wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene so.


Na asraafoɔ ɔha so panin no buaa sɛ: Owura, mensɛ sɛ wobɛhyɛne me suhyɛ aseɛ, na ka asɛm nko, na m’akoa no ho bɛyɛ no den.


Na ɔbaa no bua see no sɛ: Awurade, ɛwom saa deɛ; nanso nkraman a wɔwɔ ɛpono ase no nso di mmɔfra no mporoporowa no bi!


Na ne kɔn dɔɔ sɛ ɔdi mporoporowa a ɛfiri ɔdefoɔ no pono soɔ agu fam no meeɛ; nanso akraman ba bɛtaferee n’akuro mu.


Na ɔtogyeni no deɛ, ɔgyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma n’ani so kyerɛ soro mpo, na mmom ɔbɔɔ ne koko so kaa sɛ: Onyankopɔn, hu me debɔneyɛni mmɔbɔ!


Na nsonsonoeɛ biara nni Yudani ne Helani ntam; ɛfiri sɛ Awurade korɔ no ara na ɔdi wɔn nyinaa soɔ, na ɔwɔ ahonyadeɛ ma wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.


Na yɛnim sɛ biribiara a mmara seɛ no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase, na wɔamua obiara ano, na wiase nyinaa aba Nyankopɔn atemmuo mu.


Onyankopɔn yɛ Yudafoɔ nko ara dea anaa? Ɔnyɛ amanaman mufoɔ no nso dea bi anaa? Ampa, ɔyɛ amanaman mufoɔ dea nso.


Dabi da, na mmom ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ, na nnipa nyinaa nyɛ atorofoɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɛbɛyɛ na woadi bem wɔ wo nsɛm mu, na wobu atɛn a, woadi nkonim.


na moahunu Kristo dɔ a ɛtra nhunumu no, na Nyankopɔn mayɛ nyinaa ayɛ mo ma awie.


Me a mene ahotefoɔ nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufoɔ,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios