Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 15:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na ɔbuaa sɛ: Ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduane to ma nkraman mma.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Na ɔbuaa sɛ: Ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduane to ma nkraman mma.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Enye sɛ wobegye aduan afi mmofra nsam atow ama akraman.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnyɛ sɛ wɔbɛgye burodo afiri mmɔfra nsam ato ama nkraman.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Na obuae sɛ: Ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduan tow ma akraman mma.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 15:26
10 Referencias Cruzadas  

Na ɔbaa no ba bɛkotoo no sɛ: Awurade, boa me!


Na ɔse: Ɛwom, Awurade, nanso nkraman mma no nso di mporoporowa a ɛfiri wɔn wuranom pono so gu fam no bi.


Mommfa deɛ ɛyɛ kronkron mmma nkraman, na monnto mo nhwene pa nngu mprako anim, na wɔamfa wɔn nan antiatia so, na wɔansane ammɛsunsuane mo.


na wɔyɛ Israelfoɔ a abayɛ ne animuonyam, ne apam ahodoɔ ne mmarahyɛ ne nyamesom ne bɔhyɛ ahodoɔ no yɛ wɔn dea;


Yɛn deɛ, yɛfiri yɛn awosuo mu yɛ Yudafoɔ, na yɛnyɛ amanaman mu nnebɔneyɛfoɔ.


monkae sɛ da bi no na mo ne Kristo nni twaka biara, na na moyɛ ananafoɔ a wɔnyɛ Israel man mma, ne ahɔhoɔ wɔ bɔhyɛ apam ahodoɔ no ho, na monni anidasoɔ biara, na monni Onyankopɔn bi wɔ wiase.


Monhwɛ yie akraman no ho, monhwɛ yie adwumayɛfoɔ bɔne no ho, monhwɛ yie wɔ twetiatwafoɔ no ho!


Na kuro no akyiri na akraman ne adutofoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdie nyinaa wɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios