Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 15:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na deɛ ɛfiri anomu firi adie deɛ, ɛfiri onipa akoma mu, na ɛno na ɛgu onipa ho fi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Na deɛ ɛfiri anomu firi adie deɛ, ɛfiri onipa akoma mu, na ɛno na ɛgu onipa ho fi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Asɛm a ho ntew biara fi koma a mu ntew mu ma egu nea ɔkaa saa asɛm no ho fi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Asɛm a ɛho nteɛ biara firi akoma a emu nteɛ mu ma ɛgu deɛ ɔkaa saa asɛm no ho fi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na nea efi anom fi adi de, efi onipa komam, na ɛno na egu onipa ho fi.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 15:18
14 Referencias Cruzadas  

N’anomu nsɛm yɛ ahuhusɛm ne nnaadaa, wagyae nimdeɛsua ne papayɛ.


Ɔteneneeni ano nim adeɛ a ɛsɔ ani, na abɔnefoɔ ano di akontonkyisɛm.


Anyansafoɔ tɛkyerɛma ma nimdeɛ yɛ dɛ, na nkwaseafoɔ ano woro agyimisɛm.


Ɔteneneeni akoma dwene mmuaeɛ ho, na abɔnefoɔ ano woro nsɛmmɔne.


Kora w’akoma sene deɛ wode sie nyinaa, na emu na nkwa adifire fire.


Onipa huhuo ne ɔbarima busuyɛfoɔ, ɔde ano kontonkyi nenam,


Nhuritia mma! Moyɛ abɔnefoɔ yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na deɛ ayɛ akoma ma abu soɔ no, na ano ka.


Ɛnyɛ deɛ ɛkɔ anomu na ɛgu onipa ho fi, na mmom deɛ ɛfiri anomu ba na ɛgu onipa ho fi.


Monhunu sɛ adeɛ biara a ɛkɔ anomu no kɔ ɔyafunu mu na ɛyi gu yaane mu anaa?


Na ɔkaa sɛ: Deɛ ɛfiri onipa mu ba no, ɛno na ɛgu onipa ho fi.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Akoa bɔne, wo ara w’anom asɛm so na menam mɛbu wo atɛn. Wonim sɛ meyɛ onipa a meyɛ den a mefa deɛ memfa mentoo hɔ, na metwa deɛ menguiɛ,


Sɛdeɛ tete bɛ no ka no “Abɔnefoɔ so na bɔne fire”, na me nsa deɛ, ɛrenka wo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios