Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 14:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Na ntɛm ara Yesu kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me, monnsuro!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

27 Na ntɛm ara Yesu kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me, monnsuro!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Ntɛm ara na Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛyɛ me. Munnsuro. Momma mo bo ntɔ mo yam!”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Ntɛm ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me a. Monnsuro. Momma mo bo ntɔ mo yam!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 Na ntɛm ara Yesu kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me, munnsuro!

Ver Capítulo Copiar




Mateo 14:27
21 Referencias Cruzadas  

Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma w’akoma nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me tenenee nifa mekura wo mu.


Nsuro, aboawa Yakob, ne mo Israel mma! Me ara mɛboa wo, AWURADE na ɔkaeɛ, na wo Gyefoɔ ne Israel Kronkronni no.


Hwan na ɔyɛeɛ, na ɔmaa no baeɛ, na ɔfrɛ awoɔ ntoatoasoɔ firi mfitiaseɛ? Ɛyɛ me AWURADE a meyɛ kannifoɔ, na awieeɛ nso, mene ɔno ara.


Me ara mene mo werɛkyekyefoɔ; hwan ne wo na wosuro ɔdasani a ɔwuo ne onipa ba a wɔyɛɛ no sɛ wira?


Na Petro buaa no sɛ: Awurade, sɛ ɛyɛ wo deɛ a, ka ma memmra wo nkyɛn nsuo no ani!


Na Yesu ba bɛsosɔɔ wɔn mu sɛ: Monsɔre, na monnsuro!


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Monnsuro; monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wɔbɛhu me.


Na ɔbɔfoɔ no bua see mmaa no sɛ: Mo deɛ, monnsuro! Na menim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no.


Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubuo a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔka kyerɛɛ obubuani no sɛ: Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo.


na wɔn nyinaa hunuu no, na wɔn akoma tui. Na ntɛm ara ɔne wɔn kasae, na ɔsee wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam. Me ara; monnsuro.


Na ɔbɔfoɔ no see no sɛ: Sakaria, nsuro, na wɔatie wo mpaebɔ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na woato ne din Yohane.


Na ɔbɔfoɔ no see no sɛ: Nsuro, Maria, na woanya Nyankopɔn hɔ adom.


Kuo ketewa, monnsuro! Ɛfiri sɛ ɛyɛ mo Agya no fɛ sɛ ɔde ahennie no bɛma mo.


Na ɔbɔfoɔ no see wɔn sɛ: Monnsuro, na hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigyeɛ pii na ɛbɛyɛ aman nyinaa dea merebrɛ mo,


na sɛ nso ɛyɛɛ Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma a wɔyɛ Simon mfɛfoɔ ara ne no. Na Yesu ka kyerɛɛ Simon sɛ: Nsuro! Ɛfiri nnɛ wobɛyi nnipa.


Yeinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoeɛ. Mo ho bɛhiahia mo wiase deɛ, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.


Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛyɛ me, monnsuro!


Na anadwo no, Awurade bɛgyinaa ne nkyɛn kaa sɛ: Ma wo bo nyɛ duru; na sɛdeɛ woadi me ho adanseɛ Yerusalem ha yi no, saa ara nso na ɛsɛ sɛ wokɔdi adanseɛ wɔ Roma.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios