Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 14:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 na ɔsee n’asomfo sɛ: Yohane suboni no ne no; wanyane afiri awufoɔ mu, na ɛno nti na tumideɛ yi yɛ adwuma wɔ ne mu yi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 na ɔsee n’asomfo sɛ: Yohane suboni no ne no; wanyane afiri awufoɔ mu, na ɛno nti na tumideɛ yi yɛ adwuma wɔ ne mu yi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 na ɔka kyerɛɛ nʼasomfo ne se, “Oyi yɛ Osuboni Yohane na wasɔre afi awufo mu. Eyi nti na wanya tumi foforo de reyɛ anwonwade ahorow yi.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔtee Yesu nka no, deɛ ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ ne sɛ, “Ɛnyɛ obiara sɛ Yohane Osubɔni na wasɔre afiri awufoɔ mu. Yei enti na wanya tumi foforɔ de reyɛ anwanwadeɛ ahodoɔ yi.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 na osee n’asomfo sɛ: Yohane suboni no ne no; wanyan afi awufo mu, na ɛno nti na tumide yi yɛ ne mu adwuma yi.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 14:2
7 Referencias Cruzadas  

Nokorɛ mese mo sɛ, wɔn a mmaa awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsene Yohane suboni; nanso deɛ ɔyɛ ketewa koraa wɔ ɔsoro ahennie mu no yɛ kɛseɛ sene no.


Na wɔse: Ebinom se: Yohane suboni no. Ebinom se: Elia. Na ebinom nso se: Yeremia anaa adiyifoɔ no mu baako.


Na nna no mu no, Yohane a ɔyɛ osuboni no ba bɛkaa asɛm wɔ Yudea serɛ so


Na Ɔhene Herode tee; ɛfiri sɛ na Yesu din atrɛ, na ɔkaa sɛ: Yohane a na ɔbɔ asu no anyane afiri awufoɔ mu, enti na ahoɔdenneɛ yi di dwuma wɔ ne mu.


Na wɔbuaa no sɛ: Yohane suboni; na ebinom se: Elia; na ebinom nso se: Adiyifoɔ no mu baako.


Na ɔmansinihene Herode tee deɛ ɔyɛeɛ nyinaa; na ne tiri mu yɛɛ no keserenee sɛ ebinom se: Wɔanyane Yohane afiri awufoɔ mu,


Na nnipa pii baa ne nkyɛn, na wɔkaa sɛ: Yohane anyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi deɛ, nanso nnoɔma a Yohane kaa wɔ oyi ho nyinaa no yɛ nokorɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios