Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 14:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na ɔhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ wɔntenatena ɛserɛ no so, na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so; na ɔbubuu mu de paanoo no maa n’asuafoɔ, na asuafoɔ no nso de maa nkurɔfoɔ akuakuo no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Na ɔhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ wɔntenatena ɛserɛ no so, na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so; na ɔbubuu mu de paanoo no maa n’asuafoɔ, na asuafoɔ no nso de maa nkurɔfoɔ akuakuo no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Afei ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa ase wɔ sare no so. Ɔhwɛɛ soro bɔɔ mpae, hyiraa aduan no so. Afei obubuu mu de maa nʼasuafo no ma wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Afei, ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa ase wɔ ɛserɛ no so. Ɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpaeɛ, hyiraa aduane no so. Afei, ɔbubuu mu de maa nʼasuafoɔ no ma wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Na ɔhyɛɛ nkurɔfo akuwakuw no sɛ wɔntenatena sare no so, na ɔfaa abodoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so; na obubuu mu de abodoo no maa n’asuafo no, na asuafo no nso de maa nkurɔfo akuwakuw no.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 14:19
24 Referencias Cruzadas  

Ɛnna ɔse: Momfa mmrɛ me ha!


Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmma wɔn nyinaa ntenatena ase akuakuo ɛserɛ mono no so.


Na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so, na ɔbubuu paanoo no, na ɔde maa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkyekyɛ mma wɔn; na ɔkyekyɛɛ mpataa mmienu no nso mu maa wɔn nyinaa.


na ɔhwɛɛ soro guu ahome, na ɔsee no sɛ: Hefata! ɛne sɛ: Bue!


Na ɔfaa kuruwa no daa ase, na ɔkaa sɛ: Monnye yei, na monkyɛ mu!


Na ɔfaa paanoo daa ase bubui, na ɔde maa wɔn kaa sɛ: Yei ne me honam a mo nti wɔde rema; monyɛ yei mfa nyɛ me nkaeɛ.


Na ɛbaa sɛ ɔne wɔn te adidiiɛ no, ɔfaa paanoo hyiraa so, na ɔbubu de maa wɔn.


Na wɔbɛyɛ mmarima mpemnum. Na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Momma wɔntenatena ase akuakuo bɛyɛ aduonum aduonum.


Na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no hwɛɛ ɔsoro hyiraa so, na ɔbubu de maa asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma nkurɔfokuo no.


Ɛnna wɔyii ɔboɔ no. Na Yesu maa n’ani so kaa sɛ: Agya, meda wo ase sɛ woatie me.


Na akodoɔ foforɔ firii Tiberia baa faako a Awurade daa ase, na wɔdii paanoo no hɔ;


Na ɔkaa saa na ɔfaa paanoo no, ɔdaa Onyankopɔn ase wɔn nyinaa anim, na ɔbubu firii aseɛ diiɛ.


Deɛ ɔdwene da bi ho no, ɔdwene ma Awurade. Deɛ ɔdie no, ɔdi ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase; na deɛ ɔnnie no, ɔnni de ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase.


Nhyira kuruwa a yɛhyira soɔ no nyɛ Kristo mogya no ayɔnkoyɛ anaa? Paanoo a yɛbubuo no nyɛ Kristo nipadua ayɔnkoyɛ anaa?


Enti sɛ modidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.


na ɔdaa ase bubuu mu, na ɔkaa sɛ: Yei ne me nipadua a wɔrebubu ama mo no; monyɛ yei mfa nyɛ me nkaeɛ!


Na biribiara a moyɛ no, kasa mu oo! nneyɛɛ mu oo! monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu mfa ne so nna Agya Nyankopɔn ase.


Moduru kuro no mu ara pɛ a, mobɛhu no ansa na wakɔ sorɔnsorɔnbea hɔ akɔdidi; ɛfiri sɛ ɔman no nnidi kɔsi sɛ ɔbɛba, na ɔno na ɔhyira afɔdeɛ no soɔ ansa na wɔn a wɔahyia wɔn no adidi. Enti momforo nkɔ, na berɛ yi ara na mobɛhu no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios