Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 13:55 - New Revised Asante Twi Bible

55 Ɛnyɛ duadwumfoɔ no ba no nie? Wɔmfrɛ ne na Maria, ne ne nuanom Yakobo, Yosef, Simon ne Yuda?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

55 Ɛnyɛ duadwumfoɔ no ba no nie? Wɔmfrɛ ne na Maria, ne ne nuanom Yakobo, Yosef, Simon ne Yuda?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

55 Ɛnyɛ dua dwumfo no ba no ni? Ɛnyɛ ne na ne Maria? Ɛnyɛ ne nua barimanom ne Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

55 Ɛnyɛ dua dwumfoɔ no ba no ni? Ɛnyɛ ne maame ne Maria? Ɛnyɛ ne nua mmarimanom ne Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

55 Ɛnyɛ duadwumfo no ba no ni? Wɔmfrɛ ne na Maria, ne ne nuanom Yakob ne Yosef ne Simon ne Yuda?

Ver Capítulo Copiar




Mateo 13:55
23 Referencias Cruzadas  

Na me deɛ, meyɛ aboa, na menyɛ onipa, meyɛ nnipa ahohoradeɛ ne ɔman akyiwadeɛ.


Saa na AWURADE, Israel Gyefoɔ, ne Kronkronni no ka kyerɛ deɛ wɔbu ne kra animtia, deɛ aman kyiri no, deɛ ɔyɛ nhyɛsofoɔ akoa no sɛ: Ahemfo bɛhunu, na wɔasɔresɔre, asafohene nso, na wɔakoto asɔre, ɛsiane AWURADE a ɔyɛ nokwafoɔ, Israel Kronkronni a wayi woɔ no nti.


na Maria Magdalene ne Maria, Yakobo ne Yosef na, ne Sebedeo mma no na ka wɔn ho.


Mmaa bi nso wɔ hɔ a na wɔgyina akyirikyiri rehwɛ; na Maria Magdalene nso ne Yakobo kumaa ne Yose ne na Maria, ne Salome ka ho;


Na Maria Magdalene ne Maria Yose ne na, hunuu faako a wɔde no toeɛ.


Ɛnyɛ duadwumfoɔ yi a ɔyɛ Maria ba no, Yakobo ne Yose ne Yuda ne Simon nom nua no nie? Na ɛnyɛ ne nuammaa na wɔwɔ yɛn nkyɛn ha yi? Na ɔyɛɛ suntidua maa wɔn.


ababaa bi a wɔde no ama ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Dawid abusua mu awadeɛ nkyɛn; na ababaa no din de Maria.


Na Maria Magdalene ne Yohana ne Yakobo ne na Maria ne mmaa a wɔka wɔn ho no na wɔbɛkaa yeinom kyerɛɛ asomafoɔ no.


Yesu firii n’adwuma aseɛ no, na wadi bɛyɛ mfirinhyia aduasa, (na nkurɔfoɔ dwenee no sɛ ɔyɛ Yosef ba), Eli ba,


Na wɔn nyinaa dii no adanseɛ, na adom nsɛm a ɛfiri n’anomu no yɛɛ wɔn nwanwa, na wɔbisaa sɛ: Ɛnyɛ Yosef ba no ni anaa?


Na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Wo na ne wo nuanom gyina mfikyire pɛ sɛ wɔhu woɔ.


Enti asraafoɔ no na ɛyɛɛ yeinom. Nso na Yesu ne na ne ne na nuabaa, Maria, Klopa yere ne Maria Magdalene gyina Yesu asɛnnua no ho.


na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ oyi ne Yesu, Yosef ba a yɛnim n’agya ne ne na no? Ɛyɛɛ dɛn na afei ɔse: Masiane mafiri soro maba?


Yɛnim sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose; na oyi deɛ, yɛnnim faako a ɔfire.


na asomafoɔ a ɛkeka ho no deɛ manhunu wɔn mu biara, gye Awurade nua Yakobo.


Yuda, Yesu Kristo akoa, ne Yakobo nua, de kɔma wɔn a wɔafrɛ wɔn a Agya Nyankopɔn dɔ wɔn na wɔakora wɔn ama Yesu Kristo no:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios