Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 13:37 - New Revised Asante Twi Bible

37 Na ɔbua see wɔn sɛ: Deɛ ɔgu aba pa no ne onipa ba no;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

37 Na ɔbua see wɔn sɛ: Deɛ ɔgu aba pa no ne onipa ba no;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

37 Yesu buaa wɔn se, “Me Onipa Ba no, mene okuafo a oduaa aburow no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

37 Yesu buaa wɔn sɛ, “Me Onipa Ba no, mene okuafoɔ a ɔduaa aba no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

37 Na obua see wɔn sɛ: Nea ogu aba pa no ne onipa ba no;

Ver Capítulo Copiar




Mateo 13:37
16 Referencias Cruzadas  

Wɔyam paanoo aburoo, na wɔnna ho mpore no daapem; na sɛ obi teaseɛnam nan ne n’apɔnkɔ na ɛpete mpo a, ɛnyɛ ɔno na ɔyam.


Deɛ ɔgye mo no gye me, na deɛ ɔgye me no gye deɛ ɔsomaa me no.


Ɔbuu wɔn bɛ foforɔ bi sɛ: Ɔsoro ahennie no te sɛ onipa bi a ɔguu aba pa n’afuo mu.


Na afuowura no nkoa baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Owura, ɛnyɛ aba pa na woguu no w’afuo no mu? Na wura bɔne yi deɛ, ɛfiri he?


Na ɔreguo no, ebi kɔguu kwankyɛn, na nnomaa ba bɛsosɔe.


Onipa ba no bɛsoma n’abɔfoɔ na wɔakɔboaboa suntidua ne wɔn a wɔdi nsɛmmɔne nyinaa ano afiri n’ahennie mu,


Na Yesu see no sɛ: Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo, nanso onipa ba no deɛ, ɔnni faako a ɔde ne tiri toɔ.


Deɛ ɔtie mo no, watie me; na deɛ ɔpa mo no, wapa me. Na deɛ ɔpa me no, wapa deɛ ɔsomaa me no.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye obi a mesomaa no no, ɔgye me; na deɛ ɔgye me no gye deɛ ɔsomaa me no.


Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Asomdwoeɛ nka mo! Sɛdeɛ Agya no asoma me no, me nso mesoma mo.


na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mobɛnya ahoɔden, na moayɛ m’adansefoɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohoa.


Na merensi me bo sɛ mɛbɔ biribiara din gye deɛ Kristo nam me so ayɛ ama amanaman mufoɔ setie wɔ asɛm ne adwuma mu,


Onyankopɔn a tete no ɔnam mmerɛ ahodoɔ ne akwan ahodoɔ so, nam adiyifoɔ so kasa kyerɛɛ agyanom no,


yɛn nso, sɛ yɛammu nkwagyeɛ kɛseɛ a ɛte sɛ yei a, yɛbɛdwane afiri mu sɛn? Ɛno na Awurade firii aseɛ kaeɛ no, wɔn a wɔteeɛ no hyɛɛ mu den maa yɛn,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios