Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 12:43 - New Revised Asante Twi Bible

43 Sɛ honhom fi no firi onipa no mu a, ɔkɔkyinkyini akwaweɛ so hwehwɛ ɔhome, na ɔnnya bi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

43 Sɛ honhom fi no firi onipa no mu a, ɔkɔkyinkyini akwaweɛ so hwehwɛ ɔhome, na ɔnnya bi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

43 “Saa ɔman nnebɔneyɛfo yi te sɛ obi a honhommɔne wɔ ne so. Sɛ honhommɔne no tu fi ne mu a, ekyinkyin, hwehwɛ homebea nanso ennya bi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

43 “Saa ɔman debɔneyɛfoɔ yi te sɛ obi a honhommɔne wɔ ne soɔ. Sɛ honhommɔne no tu firi ne mu a, ɛkyinkyini, hwehwɛ homebea nanso, ɛnnya bi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

43 Sɛ honhom fi no fi onipa no mu a, okokyinkyin nkyerekyerewa so hwehwɛ ɔhome, na onnya bi.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 12:43
14 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE bisaa Satan sɛ: Ɛhe na wofiri baeɛ yi? Na Satan buaa AWURADE sɛ: Mefiri asase so kyini ne ɛso ananteananteɛ na mereba.


Na AWURADE bisaa Satan sɛ: Ɛhe na wofiri baeɛ yi? Na Satan buaa AWURADE sɛ: Mefiri asase so kyini ne ɛso anantenanteɛ na mereba.


Onyankopɔn, wone me Nyankopɔn, mehwehwɛ wo anɔpahema, wo ho sukɔm de me kra, me honam ahodwo repɛ wo hɔ biribi, asase pɛsɛɛ a nsuo nni soɔ ma no tɔ piti wɔ so.


Mɛtue mpampa pradaa so nsuwansuwa ne mmonhwa mu nsuo aniwa; mede serɛ so mɛyɛ tadeɛ, na mede asase pɛsɛɛ mayɛ asutire;


Ɛnna ɔse: Mɛsane makɔ me dan a mefiri mu mebaeɛ no mu. Na ɔba a, ɔbɛto sɛ ɛda mpan, wɔaprapra mu, na wasiesie mu.


Na hwɛ, wɔteateaa mu sɛ: Ɛdeɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Nyankopɔn ba? Wobaa ha sɛ worebɛteetee yɛn ansa na ɛberɛ no aduru anaa?


Na Simon no ara nso gye dii, na wɔbɔɔ no asu no, ɔde ne ho bataa Filipo ho; na ɔhunuu nsɛnkyerɛnneɛ ne ahoɔdenneɛ akɛseɛ a ɔyɛeɛ no, ne ho dwirii no.


Mo ani nna hɔ, monwɛn, ɛfiri sɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ deɛ ɔbɛnya no amene.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios