Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 12:39 - New Revised Asante Twi Bible

39 Na ɔbua see wɔn sɛ: Nnɛ mma abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, nanso wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara gye Odiyifoɔ Yona nsɛnkyerɛnneɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

39 Na ɔbua see wɔn sɛ: Nnɛ mma abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, nanso wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara gye Odiyifoɔ Yona nsɛnkyerɛnneɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

39 Yesu buaa wɔn se, “Ɔman a wɔyɛ abɔnefo a wonni gyidi na wɔpɛ sɛ wohu nsɛnkyerɛnne. Nanso wɔrenhu nsɛnkyerɛnne biara ka Odiyifo Yona de no ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

39 Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɔman a wɔyɛ abɔnefoɔ a wɔnni gyidie na wɔpɛ sɛ wɔhunu nsɛnkyerɛnneɛ. Nanso, wɔrenhunu nsɛnkyerɛnneɛ biara ka Odiyifoɔ Yona deɛ no ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

39 Na obua see wɔn sɛ: Nnɛ mma abɔnefo ne awaresɛefo hwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara gye Odiyifo Yona sɛnkyerɛnne no.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 12:39
8 Referencias Cruzadas  

Ɔno na ɔkɔgyee Israel hyeɛ sane maa wɔn de firi Hamat de bɛsi Araba po ano, sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔnam n’akoa Amitai ba Yona, odiyifoɔ a ɔfiri Gat-hefer so kaeɛ no.


Na mo deɛ, montwe mmra ha, ɔbaabayifoɔ mma, ɔwaresɛefoɔ ne odwamamfoɔ asefoɔ.


Na AWURADE asɛm baa Amitai ba Yona nkyɛn sɛ:


Nnɛ mma abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara, gye Yona nsɛnkyerɛnneɛ no. Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔeɛ.


Na ɔguu ahome ne honhom mu kaa sɛ: Adɛn na nnɛ mma yi hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ yi? Nokorɛ mese mo sɛ, wɔremma nnɛ mma yi nsɛnkyerɛnneɛ biara.


Na obiara a n’ani bɛwu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfoɔ kronkron no bɛba wɔ n’agya animuonyam mu no.


Awaresɛefoɔ, monnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtane a wɔtane Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfoɔ no gyina hɔ sɛ Nyankopɔn tamfo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios