Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 10:28 - New Revised Asante Twi Bible

28 Na monnsuro wɔn a wɔkum honam na wɔntumi nkum ɔkra, na mmom monsuro deɛ ɔbɛtumi asɛe ɔkra ne honam amanehunu kuro mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

28 Na monnsuro wɔn a wɔkum honam na wɔntumi nkum ɔkra, na mmom monsuro deɛ ɔbɛtumi asɛe ɔkra ne honam amanehunu kuro mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

28 Munnsuro wɔn a wobetumi akum mo nipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a obetumi akum onipadua no ne ɔkra wɔ amanehunu kurom no nko ara na munsuro no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

28 Monnsuro wɔn a wɔbɛtumi akum mo onipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a ɔbɛtumi akum onipadua no ne ɔkra wɔ amanehunu kurom no nko ara na monsuro no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

28 Na munnsuro wɔn a wokum ɔhonam na wontumi nkum ɔkra, na mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne ɔhonam amanehunu kurom.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 10:28
30 Referencias Cruzadas  

na mmom AWURADE mo Nyankopɔn na monsuro no, na ɔno na ɔbɛyi mo afiri mo atamfoɔ nyinaa nsam.


Enti nnipa suro no, ɔmmu akoma mu nyansafoɔ biara.


Wo ho hu ma me honam popo, na mesuro w’atemmudeɛ.


Na daeɛso rekɔ soro no, na nsɛm huhuo redɔɔso; nanso Onyankopɔn mmom na suro no.


Me ara mene mo werɛkyekyefoɔ; hwan ne wo na wosuro ɔdasani a ɔwuo ne onipa ba a wɔyɛɛ no sɛ wira?


Montie me, mo a monim tenenee, ɔman a me mmara wɔ wɔn akoma mu, monnsuro ɔdasani ahohorabɔ, na mommma wɔn ahiyie nnyɛ mo ahopopoɔ,


Na yeinom nyinaa, me nsa na ɛyɛeɛ, saa nti yeinom nyinaa yɛ me dea, AWURADE asɛm nie. Na deɛ mɛhwɛ no nie: Deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ, na ne honhom abubuo, na ne ho popo m’asɛm ano.


Monsuro me? AWURADE asɛm nie, anaasɛ mo akoma ntu m’anim? Me a mede anwea meto po ano hyeɛ, daa hyeɛ a ɛntumi ntra; na sɛ mpo n’asorɔkyeɛ bɔ a, ɛntumi no, na sɛ ɛhuru sɛ deɛn ara a, ɛntumi ntra.


Enti monnsuro wɔn; na biribiara nni hɔ a ɛso akata a ɛrenna adie, anaa ahunta a wɔrenhunu.


Na yeinom bɛfiri hɔ akɔ daa ahoyera mu; na nnipa tenenee no bɛkɔ daa nkwa mu.


Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ne bo fu ne nua no bɛdi atemmuo mu fɔ; na obiara a ɔbɛse ne nua sɛ: Raka no bɛdi fɔ mpanimfoɔ atitire no asɛnniiɛ. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea! no bɛdi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom.


na wɔafiri adi, na wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa wusɔreɛ mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmuo wusɔreɛ mu.


Na Paulo buaa sɛ: Adɛn na moresu bubu m’akoma yi? Me deɛ, masiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti, ɛnyɛ ɛkyerɛ nko na wɔbɛkye me, na mpo mɛwu wɔ Yerusalem hɔ.


Onyankopɔn a ɔte aseɛ no nsa mu hweɛ yɛ hu.


Mmaa nsa kaa wɔn awufoɔ a wɔasɔreɛ; na ebinom nso, wɔde wɔn goroo atɔprɛ, na wɔampɛ ɔgyeɛ, na wɔn nsa aka owusɔreɛ a ɛyɛ kyɛne soɔ.


Ɔbaako ne mmarahyɛfoɔ ne ɔtemmufoɔ, ɔno ne deɛ ɔbɛtumi agyeɛ na wasɛeɛ. Na hwan ne wo a wobu obi atɛn?


Na sɛ tenenee nti mohunu amane nso a, nhyira ne mo. Na monnsuro wɔn ho hu, na mommma mo akoma nntu.


Nsuro amaneɛ a worebɛhunu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom bɛgu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mobɛhunu amane dadu. Di nokorɛ kɔduru owuo mu, na mɛma wo nkwa abotire.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios