Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 10:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Na monhwɛ mo ho yie nnipa ho; na wɔbɛyi mo ama mpanimfoɔ adwa, na wɔaka mo mpire wɔn hyia adan mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 Na monhwɛ mo ho yie nnipa ho; na wɔbɛyi mo ama mpanimfoɔ adwa, na wɔaka mo mpire wɔn hyia adan mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Nanso monhwɛ yiye wɔ nnipa ho! Wɔbɛkyere mo adi mo asɛm, abɔ mo mmaa wɔ wɔn asɔredan mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Nanso, monhwɛ yie wɔ nnipa ho! Wɔbɛkyere mo, adi mo asɛm, abɔ mo mmaa wɔ wɔn asɔredan mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 Na monhwɛ mo ho yiye nnipa ho; na wɔbeyi mo ama mpanyimfo agua, na wɔaka mo mpire wɔn hyiadan mu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 10:17
26 Referencias Cruzadas  

Monnnye adamfoɔ nnni, mommfa mo ho nnto ɔyɔnkoɔ so; ɔbaa a ɔda wo koko mu no, ne ho na wɛn w’ano.


Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofoɔ ne ahemfo anim na adi adanseɛ akyerɛ wɔn ne amanaman.


na wɔde no ahyɛ amanaman mufoɔ nsa sɛ wɔngoro ne ho, na wɔnka no mpire na wɔmmɔ no asɛnnua mu, na da a ɛtɔ so nnansa no ɔbɛnyane bio.


Hwɛ, yei nti meresoma adiyifoɔ ne anyansafoɔ ne Atwerɛfoɔ aba mo nkyɛn, na mobɛkum wɔn mu bi abɔ wɔn asɛnnua mu, na moaka wɔn mu bi mpire mo hyia adan mu, na moataa wɔn afiri kuro mu akɔ kuro mu;


Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne badwafoɔ no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adansekurumu, na wɔanya no akum no,


Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ne bo fu ne nua no bɛdi atemmuo mu fɔ; na obiara a ɔbɛse ne nua sɛ: Raka no bɛdi fɔ mpanimfoɔ atitire no asɛnniiɛ. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea! no bɛdi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom.


Na onua bɛyi onua ama owuo, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre awofoɔ so, na wɔama wɔakum wɔn.


Na mo deɛ, monhwɛ mo ho yie! Na wɔbɛyi mo ama mpanimfoɔ badwa, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo bɛgyina amradofoɔ ne ahemfo anim na moadi adanseɛ akyerɛ wɔn.


Na sɛ wɔde mo kɔ hyia adan mu ne mpanimfoɔ ne atumfoɔ anim a, monnwennwene deɛ mode bɛyi mo ano anaasɛ deɛ mobɛka ho,


Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no maa wɔkɔhyiaa badwafoɔ no, na wɔkaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ, ɛfiri sɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnneɛ pii.


Wɔbɛtu mo afiri hyia adan mu; mpo ɛberɛ reba a obiara a ɔbɛkum mo bɛsusu sɛ ɔde resom Onyankopɔn.


Enti ntɛm ara na anuanom no gyaa Paulo kwan sɛ ɔnkɔ mpoano; na Silas ne Timoteo deɛ, wɔtenaa hɔ.


Na mekaa sɛ: Awurade, wɔn ara wɔnim sɛ wɔn a wɔgye wo die no, mede wɔn meguu afiase, na mehwee wɔn hyia adan nyinaa mu.


Na metaa metwee wɔn aso hyia adan nyinaa mu, na mehyɛɛ wɔn maa wɔkaa abususɛm, na m’ani beree wɔn so papaapa nti, metaa wɔn kɔduruu ananafoɔ nkuro so.


kɔsrɛɛ ne nkyɛn nwoma sɛ ɔde rekɔ Damasko akɔ hyia adan mu, na sɛ ɔhunu nnipa bi saa gyidie kwan no mu a, mmarima oo, mmaa oo, ɔde wɔn homa mu aba Yerusalem.


Monhwɛ yie akraman no ho, monhwɛ yie adwumayɛfoɔ bɔne no ho, monhwɛ yie wɔ twetiatwafoɔ no ho!


Ɔno na wo nso hwɛ wo ho yie wɔ ne ho; ɛfiri sɛ ɔsii yɛn nsɛm ano kwan bebree.


Na afoforɔ hunuu animguasedeɛ ne ɔhweɛ, mpokyerɛ ne afiase nna nso.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios