Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 9:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na ɛteaa mu, na ɛtwetwee no pii no, ɛfirii ne mu. Na ɔyɛɛ sɛ owufoɔ maa nnipa pii kaa sɛ: Wawu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Na ɛteaa mu, na ɛtwetwee no pii no, ɛfirii ne mu. Na ɔyɛɛ sɛ owufoɔ maa nnipa pii kaa sɛ: Wawu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Afei ɔyare no baa denneennen ansa na ɛrefi ne mu, enti ɛmaa abarimaa no yɛɛ sɛ owufo. Nnipakuw no kasaa huhuhuhu se, “Wawu.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Afei, yadeɛ no baa dendeenden ansa na ɛrefiri ne mu, enti ɛmaa abarimaa no yɛɛ sɛ owufoɔ. Enti, nnipakuo no kasaa huhuhuhu sɛ, “Wawu.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Na ɛteɛɛm, na ɛtwetwee no pii no, efii no mu. Na ɔyɛe sɛ owufo ma nnipa pii kae sɛ: Wawu.

Ver Capítulo Copiar




Marko 9:26
8 Referencias Cruzadas  

Na ɛfiri berɛ a mebaa Farao nkyɛn na mede wo din ne no kasaeɛ no, Farao ayɛ ɔman yi bɔne, na wo nso wonnyee wo man!


Na hwɛ, Kanaanni baa bi a ɔfiri mpɔtamu hɔ ba bɛteateaa mu sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi reha me babaa dodo!


Na honhom fi no maa no senseneeɛ, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu, na ɔfirii ne mu kɔeɛ.


na baabiara a ɛsɔ ne mu no, ɛma no sensene, na n’ano retwa ahuro, na ɔretwɛre ne se, na ɔrefɔn. Na meka mekyerɛɛ w’asuafoɔ sɛ wɔntu no, na wɔantumi.


Na wɔde no brɛɛ Yesu. Na ɔhunuu Yesu no, ntɛm ara na honhom no maa no senseneeɛ, na ɔhwee ase, na ɔbu faa so, na n’ano twaa ahuro.


Na Yesu hunuu sɛ nkurɔfokuo no de mmirika reba no, ɔteateaa honhom fi no sɛ: Wo mum honhom ne sotifoɔ, mehyɛ wo sɛ, firi ne mu, na nsane nkɔ ne mu bio.


Na Yesu sɔɔ ne nsa maa no so, na ɔsɔree.


Yei nti, ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, ɛfiri sɛ ɔbonsam asiane aba mo nkyɛn, na wafa abufuo kɛse, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne berɛ a ɔwɔ yɛ tia.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios