Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 7:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na mo deɛ, mose: Sɛ onipa bi se n’agya anaa ne na sɛ: Adeɛ a anka wode bɛnya me ho mfasoɔ no yɛ Korban (Ɛne sɛ, wɔde ma Onyankopɔn) a,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na mo deɛ, mose: Sɛ onipa bi se n’agya anaa ne na sɛ: Adeɛ a anka wode bɛnya me ho mfasoɔ no yɛ Korban (Ɛne sɛ, wɔde ma Onyankopɔn) a,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Nanso moka se, eye sɛ obi bɛka akyerɛ nʼagya anaa ne na a ade bi hia no no se, ‘Merentumi mmoa mo! Efisɛ mede nea anka a ɛsɛ sɛ mede ma mo no ama Onyankopɔn.’

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Nanso, moka sɛ, ɛyɛ sɛ obi bɛka akyerɛ nʼagya anaa ne maame a adeɛ bi hia no no sɛ, ‘Merentumi mmoa mo! Ɛfiri sɛ, mede deɛ anka ɛsɛ sɛ mede ma mo no ama Onyankopɔn.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na mo de, muse: Sɛ onipa bi ka kyerɛ n’agya anaa ne na sɛ: Ade a anka wode benya me ho mfaso no yɛ Korban (Ɛne sɛ, wɔde ma Onyankopɔn)

Ver Capítulo Copiar




Marko 7:11
6 Referencias Cruzadas  

Kasa kyerɛ Israelfoɔ, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mo mu nipa bi de ayɛyɛdeɛ rebrɛ AWURADE a, afieboa a ɔfiri anantwie ne nnwan mu na momfa nyɛ mo ayɛyɛdeɛ mmra.


Na mo deɛ mose: Obiara a ɔbɛse n’agya anaa ne na sɛ: Deɛ anka wobɛnya no me hɔ no yɛ ayɛyɛdeɛ no,


Na obi ka afɔrebukyia no ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ ɔka ayɛyɛdeɛ a ɛgu soɔ no ntam deɛ a, ɛkyekyere no.


Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no faa nnwetɛbena no kaa sɛ: Ɛnni ho kwan sɛ wɔde gu ayɛyɛdeɛ adaka mu, ɛnam sɛ ɛyɛ mogya ano boɔ.


na momma no nyɛ biribiara mma n’agya anaa ne na bio,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios