Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 5:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Nanso wamma no kwan, na ɔsee no sɛ: Kɔ wo fie, w’abusuafoɔ nkyɛn, na kɔka nnoɔma a Awurade ayɛ ama woɔ ne mmɔborɔ a wahu woɔ no kyerɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Nanso wamma no kwan, na ɔsee no sɛ: Kɔ wo fie, w’abusuafoɔ nkyɛn, na kɔka nnoɔma a Awurade ayɛ ama woɔ ne mmɔborɔ a wahu woɔ no kyerɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Nanso Yesu kae se, “Dabi, na kɔ na kɔka anwonwade a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi ne nʼahummɔbɔ ho asɛm kyerɛ wʼabusuafo.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Nanso, Yesu kaa sɛ, “Dabi, na kɔ na kɔka anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi ne nʼahummɔborɔ ho asɛm kyerɛ wʼabusuafoɔ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Nanso Yesu amma no kwan, na osee no sɛ: Kɔ wo fi, w’abusuafo nkyɛn, na kɔka nneɛma a Awurade ayɛ ama wo ne mmɔbɔ a wahu wo no kyerɛ wɔn!

Ver Capítulo Copiar




Marko 5:19
12 Referencias Cruzadas  

Ɛnna ɔkɔ kɔka kyerɛɛ ne wura sɛ: Sɛɛ ne sɛɛ na abaayewa a ɔfiri Israel asase soɔ no ka.


Mo a mosuro Onyankopɔn nyinaa, mommra mmɛtie, na mɛka deɛ wayɛ ama me.


Afei me, Nebukadnessar, mekamfo ɔsoro hene mema no so meyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛɛ nyinaa yɛ nokorɛ, na n’akwan yɛ atɛntenenee, na wɔn a wɔnam ahantan soɔ no, ɔtumi brɛ wɔn ase.


Na ɔsii mu kɔe, na ɔkɔfitii aseɛ kaa nnoɔma akɛseɛ a Yesu yɛ maa no no wɔ Dekapoli; na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa.


Sane kɔ wo fie, na kɔka ade kɛseɛ a Onyankopɔn ayɛ ama woɔ yi kyerɛ! Na ɔkɔ kɔkaa ade kɛseɛ a Yesu ayɛ ama no no kuro no mu nyinaa.


Mommra mmɛhwɛ onipa bi a waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me, sɛ ɛnyɛ oyi ne Kristo no anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios