Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 3:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na ɔfrɛɛ wɔn baa ne nkyɛn no, ɔkasa kyerɛɛ wɔn mmebuo mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na Satan bɛtumi atu Satan?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Na ɔfrɛɛ wɔn baa ne nkyɛn no, ɔkasa kyerɛɛ wɔn mmebuo mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na Satan bɛtumi atu Satan?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Yesu frɛɛ wɔn kasa kyerɛɛ wɔn abebu mu se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Satan betumi atu Satan?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Yesu frɛɛ wɔn kasa kyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na Ɔbonsam bɛtumi atu Ɔbonsam?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na ɔfrɛɛ wɔn baa ne nkyɛn no, ɔkasa kyerɛɛ wɔn mmebu mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na Satan betumi atu Satan?

Ver Capítulo Copiar




Marko 3:23
10 Referencias Cruzadas  

Mɛbrɛ m’aso ase matie abebusɛm, mede sankubɔ mɛkyerɛ me bɛ ase.


Na ɔkasaa pii mmebuo mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ogufoɔ bi firii adi kɔguu aba.


Yeinom nyinaa Yesu ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no abebuo mu, na wankwati bɛ anka asɛm biara ankyerɛ wɔn.


Ɛnna Yesu see no sɛ: Firi hɔ, Satan! na wɔatwerɛ sɛ: Koto sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.


Na ɔfitii aseɛ nam mmebuo so kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Onipa bi yɛɛ bobe turo, na ɔgyee ho ban hyiae, na ɔtuu mu nsa-kyi-amena, na ɔtoo mu abantenten, na ɔde fɛm akuafoɔ bi, na ɔtuu bata.


Na sɛ ahennie bi ne ne ho di asie a, ahennie no ntumi nnyina.


Na ɔsee wɔn sɛ: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu Nyankopɔn ahennie ho ahuntasɛm no; na wɔn a wɔwɔ akyire no deɛ, wɔkyerɛ wɔn ne nyinaa mmebuo mu;


Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nnoɔma pii wɔ mmebuo mu, na ɔsee wɔn ne nkyerɛkyerɛ no mu sɛ:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios